5 Mose 13 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 13:1-18

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

1Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm kyerɛ mo, 2na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwasɛm no ba mu na ɔka sɛ, “Momma yɛnni anyame foforɔ akyi (anyame a monnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a, 3monntie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm. Awurade, mo Onyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ modɔ no firi mo akoma ne mo kra mu nyinaa anaa. 4Awurade, mo Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ modi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obuo ne anidie ma no. Monni ne mmara so na monyɛ ɔsetie mma no; monsom no na momfam ne ho den. 5Ɛsɛ sɛ wɔkum saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, ɛfiri sɛ, ɔkasa tia Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo firi ɛkwan a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ motutu abɔnefoɔ nyinaa firi mo mu.

6Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babaa, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ, anyame a wo anaa wʼagyanom nhunuu bi da,” 7anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia dea, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri firi asase ano kɔsi ano no a, 8mfa wo ho mma no, anaasɛ ntie no. Nhunu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso. 9Kum na ɛsɛ sɛ wokum no. Fa wo nsa di ɛkan kum no ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho. 10Monsi no aboɔ nku no, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔtwe wo firi Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no ho. 11Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a ɔbɛfiri mo mu a, ɔbɛyɛ saa adeɛ no bio.

12Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ 13nnipa bɔnefoɔ bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kuro no mu anim de wɔn akɔsi bɔne mu aka sɛ, “Momma yɛnkɔsom anyame foforɔ,” anyame a monhunuu bi da a, 14ɛsɛ sɛ mobisa mu, hwehwɛ mu yie. Na sɛ ɛyɛ nokorɛ na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nnebɔneyɛ bi akɔ so wɔ mo mu a, 15ɛsɛ sɛ wɔde akofena kunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu nyinaa. Monsɛe kuro no pasapasa, emu nnipa ne afieboa. 16Afei, mommoaboa asadeɛ no nyinaa ano wɔ kuro no adwabɔeɛ na monhye no. Monhye kuro mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Saa kuro no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsane kyekyere bio. 17Asadeɛ a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Sɛ moyɛ saa a, Awurade bɛdane afiri nʼabufuhyeɛ no ho na wahunu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔre sɛdeɛ ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no, 18ɛfiri sɛ, moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn, na modi ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na moyɛ deɛ ɛsɔ nʼani.

Persian Contemporary Bible

تثنيه 13:1-18

نهی از بت‌پرستی

1اگر در ميان شما پيشگو يا تعبيركنندهٔ خواب وجود دارد كه آينده را پيشگويی می‌كند 2و پيشگويی‌هايش نيز درست از آب در می‌آيند، ولی می‌گويد: «بياييد تا خدايان قومهای ديگر را بپرستيم.» 3به حرف او گوش نكنيد؛ چون خداوند بدين ترتيب شما را امتحان می‌كند تا معلوم شود آيا حقيقتاً او را با تمامی دل و جانتان دوست داريد يا نه. 4فقط از خداوند، خدايتان پيروی نماييد، از او اطاعت كنيد و اوامرش را بجا آوريد، او را پرستش كنيد و از او جدا مشويد. 5آن پيشگو يا تعبیر كنندهٔ خواب را كه سعی می‌كند شما را گمراه سازد، بكشيد، چون قصد داشته شما را بر ضد خداوند، خدايتان كه شما را از بردگی در مصر بيرون آورد، برانگيزد. با كشتن او شرارت را از ميان خود پاک خواهيد كرد.

6‏-7اگر نزديكترين خويشاوند يا صميمی‌ترين دوست شما، حتی برادر، پسر، دختر و يا همسرتان در گوش شما نجوا كند كه بيا برويم و اين خدايان بيگانه را بپرستيم؛ 8راضی نشويد و به او گوش ندهيد. پيشنهاد ناپسندش را برملا سازيد و بر او رحم نكنيد. 9او را بكشيد. دست خودتان بايد اولين دستی باشد كه او را سنگسار می‌كند و بعد دستهای تمامی قوم اسرائيل. 10او را سنگسار كنيد تا بميرد، چون قصد داشته است شما را از خداوند، خدايتان كه شما را از مصر يعنی سرزمين بردگی بيرون آورد دور كند. 11آنگاه تمام بنی‌اسرائيل از كردار شرورانه‌اش آگاه شده، از ارتكاب چنين شرارتی در ميان قوم خواهند ترسيد.

12‏-14هرگاه بشنويد در يكی از شهرهای اسرائيل می‌گويند كه گروهی اوباش با پيشنهاد پرستيدن خدايان بيگانه همشهريان خود را گمراه كرده‌اند، اول حقايق را بررسی كنيد و ببينيد آيا آن شايعه حقيقت دارد يا نه. اگر ديديد حقيقت دارد و چنين عمل زشتی واقعاً در ميان شما در يكی از شهرهايی كه خداوند به شما داده است اتفاق افتاده، 15بايد بی‌درنگ شهر و كليهٔ ساكنانش را كاملاً نابود كنيد و گله‌هايشان را نيز از بين ببريد. 16سپس بايد تمام غنايم را در ميدان شهر انباشته، بسوزانيد. پس از آن، تمام شهر را به عنوان قربانی سوختنی برای خداوند، خدايتان به آتش بكشيد. آن شهر برای هميشه بايد ويرانه بماند و نبايد هرگز دوباره آباد گردد. 17ذره‌ای از اين غنايم حرام را نگاه نداريد. آنگاه خداوند از غضب خود برمی‌گردد و شما را مورد لطف و مرحمت خويش قرار داده، همچنانكه به پدرانتان وعده فرمود، تعداد شما را زياد خواهد كرد، 18به شرطی كه فقط از او و فرمانهای او كه امروز به شما می‌دهم اطاعت نموده، آنچه را كه در نظر خداوند پسنديده است بجا آوريد.