4 Mose 33 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 33:1-56

Israelfoɔ Akwantuo

1Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no. 2Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu.

3Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn. 4Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.

5Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot.

6Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano.

7Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho.

8Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara.

9Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ.

10Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

11Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so.

12Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka.

13Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus.

14Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom.

15Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so.

16Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa.

17Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot.

18Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma.

19Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres.

20Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna.

21Wɔfirii Libna kɔɔ Risa.

22Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata.

23Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so.

24Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada.

25Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot.

26Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat.

27Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera.

28Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka.

29Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona.

30Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot.

31Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan.

32Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad.

33Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata.

34Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona.

35Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber.

36Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so.

37Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano. 38Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no. 39Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so.

40Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so.

41Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona.

42Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon.

43Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.

44Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so.

45Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad.

46Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim.

47Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so.

48Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no. 49Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no.

50Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, 51“Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a, 52mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa.

55“Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so. 56Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.”