4 Mose 28 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 28:1-31

Afɔrebɔ Ahodoɔ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no. 3Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano. 4Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ. 5Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho. 6Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade. 7Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. 8Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ.

9“ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no. 10Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no.

11“ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 12Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; 13na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani. 14Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu. 15Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.

16“ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no. 17Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu. 18Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara. 19Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. 20Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho, 21na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho. 22Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho. 23Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho. 24Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie. 25Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara.

26“ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no. 27Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson. 28Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho; 29na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho. 30Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho. 31Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.

Het Boek

Numeri 28:1-31

Offers aan de Here

1De Here gaf Mozes de volgende instructies om aan de Israëlieten door te geven: 2‘De offers die u op het altaar verbrandt voor Mij, zijn mijn voedsel en doen Mij een groot genoegen. Zorg er daarom voor dat zij regelmatig worden geofferd op de manier, die Ik heb voorgeschreven. 3Als u Mij een brandoffer brengt, moet u eenjarige lammeren zonder gebrek nemen. Elke dag moeten twee lammeren worden geofferd als een regelmatig brandoffer. 4Het ene ʼs morgens, het andere tegen de avond. 5Bij die lammeren moet ook een spijsoffer van 2,2 liter meelbloem gemengd met 0,9 liter olie, worden geofferd. 6Dit is het brandoffer, dat op de berg Sinaï is ingesteld om regelmatig te worden geofferd als een aangename geur, een vuuroffer voor de Here. 7Daarbij zal ook het drankoffer, 0,9 liter sterke wijn per lam, worden geofferd door het in het heiligdom voor de Here uit te gieten. 8Offer het tweede lam tegen de avond met hetzelfde spijs- en drankoffer. Ook dat is een aangename geur voor de Here, een offer gebracht met vuur. 9-10 Op de sabbat moeten—naast de normale offers—twee eenjarige lammeren worden geofferd. Zij moeten vergezeld gaan van een spijsoffer van 4,4 liter fijn meel vermengd met olie en het gewone drankoffer.

11Op de eerste dag van een nieuwe maand zal een extra brandoffer aan de Here worden gebracht. Dat offer moet bestaan uit twee jonge stieren, een ram en zeven eenjarige lammeren, allemaal zonder gebreken. 12Bij elke stier moet een spijsoffer worden gebracht van 6,6 liter meelbloem, gemengd met olie. Het spijsoffer voor de ram moet bestaan uit 4,4 liter meelbloem, vermengd met olie. 13Het spijsoffer voor elk lam zal bestaan uit 2,2 liter meelbloem, gemengd met olie. Dit brandoffer zal met vuur worden geofferd en erg aangenaam zijn voor de Here. 14Samen met elk offer zal een drankoffer worden gebracht: 1,8 liter wijn voor elke jonge stier, 1,2 liter voor de ram en 0,9 liter voor elk lam. Dit offer zal elke maand van het jaar worden gebracht. 15Op de eerste dag van een nieuwe maand zult u ook een bok als zondoffer aan de Here offeren. Dit offer staat apart van het dagelijkse brandoffer en het begeleidende drankoffer.

16Op de veertiende dag van de eerste maand van elk jaar moet u Pesach, het Paasfeest, vieren. 17De volgende dag begint een groots en blij feest van zeven dagen, waarbij uitsluitend ongezuurd brood mag worden gegeten. 18Op de eerste dag van dit feest moet een heilige samenkomst voor het hele volk worden gehouden en die dag mag geen zwaar werk worden verricht. 19U zult de Here dan een brandoffer brengen van twee jonge stieren, een ram en zeven eenjarige lammeren, allemaal zonder gebreken. 20-21 Bij elke stier zal een spijsoffer van 6,6 liter fijn meel, gemengd met olie, worden gebracht; bij de ram 4,4 liter; en bij elk van de zeven lammeren 2,2 liter fijn meel. 22U moet ook een bok offeren als zondoffer om verzoening voor uzelf te doen. 23Deze offers worden naast de gewone dagelijkse morgenoffers gebracht. 24Ditzelfde offer zal elk van de zeven dagen van het feest worden gebracht, zij zullen de Here zeer aangenaam zijn. 25Op de zevende dag moet opnieuw een heilige samenkomst voor het hele volk worden gehouden, ook die dag mag u geen zwaar werk verrichten.

26Tijdens het Wekenfeest moet een heilige samenkomst voor het hele volk worden gehouden om de nieuwe oogst te vieren. Die dag moet u de eerste opbrengsten van de graanoogst als spijsoffer aan de Here offeren, niemand mag dan zwaar werk verrichten. 27Die dag zal een speciaal brandoffer, dat zeer aangenaam is in de ogen van de Here, worden gebracht. Het moet bestaan uit twee jonge stieren, een ram en zeven eenjarige lammeren. 28-29 Deze zullen vergezeld gaan van uw spijsoffer van 6,6 liter fijn meel, gemengd met olie, bij elke stier; 4,4 liter bij de ram en 2,2 liter bij elk van de zeven lammeren. 30Offer ook een bok om verzoening voor uzelf te doen. 31Deze speciale offers staan los van de dagelijkse brandoffers, spijsoffer en drankoffers. Zorg ervoor dat de dieren die u offert, geen gebreken hebben.’