4 Mose 20 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 20:1-29

Nsuo Firi Ɔbotan Mu

1Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan wɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no.

2Na nsuo a wɔbɛnom nni hɔ enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ sɛ, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ. 4Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmewuwu? 5Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”

6Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam. 7Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 8“Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no sɛ nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!”

9Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim, 10na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?” 11Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ.

12Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!”

13Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron.

Edom Si Israel Ɛkwan

14Ɛberɛ a Mose wɔ Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ:

“Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu, 15sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa hɔ mfeɛ bebree na yɛhunuu amane sɛ Misraimfoɔ nkoa. 16Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim.

“Seesei yɛwɔ Kades wɔ mo asase hyeɛ so. 17Yɛsrɛ mo sɛ, momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie sɛ yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no.”

18Nanso, Edomhene kaa sɛ,

“Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!”

19Israelfoɔ no buaa sɛ,

“Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.”

20Nanso Edomhene buaa sɛ,

“Mommfa yɛn asase so!”

Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so. 21Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn.

Aaron Owuo

22Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so. 23Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so sɛ, 24“Ɛberɛ aduru sɛ Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri sɛ, mo baanu yɛɛ me dɔm wɔ Meriba nsuo no ho. 25Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so. 26Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.”

27Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi, 29na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.