4 Mose 2 – ASCB & CARS

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 2:1-34

Israel Mmusuakuo Atenaeɛ Ho Nhyehyɛeɛ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2“Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”

3Apueeɛ fam,

baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. 4Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).

5Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. 6Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).

7Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. 8Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).

9Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan (186,400). Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.

10Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).

12Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. 13Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).

14Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).

16Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.

17Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.

18Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum (40,500).

20Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. 21Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,200).

22Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. 23Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).

24Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.

25Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).

27Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. 28Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).

29Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. 30Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

31Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia (157,600).

32Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum (603,550). 33Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.

34Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

Священное Писание

Числа 2:1-34

Расположение родов в станах

1Вечный сказал Мусе и Харуну:

2– Пусть исраильтяне разбивают стан вокруг шатра встречи, поодаль от него, каждый под своим знаменем, под знаками своей семьи.

3Пусть стан Иуды будет под своим знаменем на востоке, к восходу. Вождь рода Иуды – Нахшон, сын Аминадава. 4В его войске 74 600 мужчин.

5Род Иссахара пусть ставит стан рядом с ними. Вождь рода Иссахара – Нетанил, сын Цуара. 6В его войске 54 400 мужчин.

7Рядом будет род Завулона. Вождь рода Завулона – Элиав, сын Хелона. 8В его войске 57 400 мужчин.

9Всего мужчин в стане Иуды по их войскам 186 400. Они будут отправляться в путь первыми.

10Пусть на юге будет стан Рувима под своим знаменем. Вождь рода Рувима – Элицур, сын Шедеура. 11В его войске 46 500 мужчин.

12Род Шимона пусть ставит стан рядом с ними. Вождь рода Шимона – Шелумиил, сын Цуришаддая. 13В его войске 59 300 мужчин.

14Рядом – род Гада. Вождь рода Гада – Элиасаф, сын Деуила. 15В его войске 45 650 мужчин.

16Всего мужчин в стане Рувима по их войскам 151 450. Они будут отправляться в путь вторыми.

17Затем, пусть в середине станов отправляется в путь шатёр встречи и стан левитов. Они будут отправляться в путь в том порядке, в каком ставят стан, каждый на своём месте, под своим знаменем.

18Пусть на западе будет стан Ефраима под своим знаменем. Вождь рода Ефраима – Элишама, сын Аммихуда. 19В его войске 40 500 мужчин.

20После них будет род Манассы. Вождь рода Манассы – Гамалиил, сын Педацура. 21В его войске 32 200 мужчин.

22Потом будет род Вениамина. Вождь рода Вениамина – Авидан, сын Гидеони. 23В его войске 35 400 мужчин.

24Всего мужчин в стане Ефраима по их войскам 108 100. Они будут отправляться в путь третьими.

25Пусть на севере будет стан Дана под своим знаменем. Вождь рода Дана – Ахиезер, сын Аммишаддая. 26В его войске 62 700 мужчин.

27Род Ашира будет ставить стан возле них. Вождь рода Ашира – Пагиил, сын Охрана. 28В его войске 41 500 мужчин.

29Потом будет род Неффалима. Вождь рода Неффалим – это Ахира, сын Енана. 30В его войске 53 400 мужчин.

31Всего мужчин в стане Дана 157 600. Они будут отправляться в путь последними под своими знамёнами.

32Это исраильтяне, исчисленные по их семьям. Всего в станах – по ополчениям – 603 550 человек. 33Лишь левиты не были исчислены с остальными исраильтянами – так повелел Мусе Вечный.

34Исраильтяне сделали всё, что повелел Мусе Вечный. Они вставали станом под своими знамёнами и также отправлялись в путь – каждый со своим кланом и семьёй.