4 Mose 18 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 18:1-32

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Asɛdeɛ

1Awurade kasa kyerɛɛ Aaron sɛ, “Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodie bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yie wɔ asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm. 2Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim. 3Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn. 4Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan sɛ ɔboa wo ɛkwan biara so.

5“Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so. 6Meka bio sɛ, Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi Awurade hɔ ma wo. 7Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te wɔ afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu.”

8Awurade sane ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ Awurade no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no wɔ afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea. 9Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara. 10Ɛsɛ sɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdie.

11“Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte.

12“Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea. 13Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi.

14“Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea. 15Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. 16Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba.

17“Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ. 18Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade no nso, mobɛfa. 19Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Awurade a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei yɛ bɔhyɛ a ɛda mo ne Awurade ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa.”

20Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ sɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo.

21“Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka. 22Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan sɛ wɔkɔ kronkron mu kronkron hɔ. Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn fɔ na wɔawuwu. 23Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn fɔ. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Lewini biara nya agyapadeɛ wɔ Israelman mu. 24Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma Awurade no na ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no fa. Yei yɛ agyapadeɛ, enti ɛho nhia sɛ wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio.”

25Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ, 26“Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma Awurade. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no so. 27Na Awurade bɛgye no sɛ mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu. 28Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ Awurade kyɛfa. 29Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.

30“Na wɔbɛfa no sɛ deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea hɔ. 31Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔ wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua. 32Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.”

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Числа 18:1-32

Обязанности священнослужителей и левитов

1Вечный сказал Хоруну:

– Ты, твои сыновья и все остальные члены рода Леви будете в ответе за осквернение святилища, но только ты и твои сыновья будете в ответе за осквернение священства. 2Возьми к себе своих собратьев левитов из рода твоего предка, чтобы они были с тобой и помогали тебе, когда ты и твои сыновья будете служить перед шатром соглашения. 3Пусть они будут в ответе перед тобой и исполняют при шатре все обязанности, но не приближаются ни к утвари святилища, ни к жертвеннику, иначе умрут и они, и вы. 4Пусть они будут при тебе, чтобы заботиться о шатре встречи, исполняя при нём всю положенную работу, и пусть никого больше с вами не будет.

5Вашей заботе вверены святилище и жертвенник, чтобы Мой гнев впредь не падал на исроильтян. 6Я Сам избрал ваших собратьев левитов среди исроильтян и дарю их вам в помощники. Они посвящены Мне, чтобы работать при шатре встречи. 7Но только тебе и твоим сыновьям можно исполнять священнические обязанности во всём, что связано с жертвенником, и с тем, что за завесой. Я даю вам священство как дар. Всякий посторонний, кто приблизится к святилищу, должен быть предан смерти.

Приношения для священнослужителей и левитов

8Вечный сказал Хоруну:

– Я Сам поручил тебе наблюдать за всеми приношениями, которые Мне приносят. Все священные приношения, которые приносят Мне исроильтяне, Я отдаю тебе и твоим сыновьям как вашу часть и постоянную долю. 9Тебе будет доставаться та часть самых священных жертвоприношений, которую не предают огню. Во всех самых священных приношениях, которые приносят Мне в дар, будь то хлебное приношение, жертва за грех или жертва повинности, эта часть принадлежит тебе и твоим сыновьям. 10Ешьте её как великую святыню; её может есть любой мужчина. Она будет святыней для вас.

11Вот что ещё принадлежит тебе: все жертвы потрясания, которые исроильтяне приносят в дар. Я даю это тебе и твоим сыновьям и дочерям как постоянную долю. Всякий в твоём доме, кто чист, может это есть.

12Я отдаю тебе всё лучшее оливковое масло, молодое вино и зерно, которые приносят Мне как первые плоды урожая. 13Все первые плоды земли, которые приносят Мне, будут твоими. Всякий в твоём доме, кто чист, может это есть.

14Всё в Исроиле, что посвящено Вечному, твоё. 15Первый ребёнок в семье и первородное животное, которое приносят Вечному, твоё. Но выкупай любого сына-первенца и любого первородного самца из нечистых животных. 16Когда им исполнится месяц, выкупи их, заплатив шестьдесят граммов серебра18:16 Букв.: «пять шекелей серебра, шекелей святилища, в одном шекеле двадцать гер». Шекель святилища – стандартная мера, которой пользовались священнослужители шатра и храма..

17Но не выкупай первородных волов, овец или коз; они священны. Окропи жертвенник их кровью и сожги их жир как огненную жертву, благоухание, приятное Вечному. 18Их мясо отойдёт тебе, подобно грудине из приношения потрясания и правому бедру. 19Все священные приношения, которые исроильтяне приносят Вечному, Я отдаю тебе и твоим сыновьям и дочерям как вашу постоянную долю. Это вечное, нерасторжимое соглашение18:19 Букв.: «вечное соглашение соли». На Востоке совместно съеденная соль служила символом нерасторжимости договора между людьми. Кроме того, соль говорила о долговечности договора, так как она сохраняет продукты, не давая им испортиться (см. Лев. 2:13; 2 Лет. 13:5). между Вечным, тобой и твоим потомством.

20Вечный сказал Хоруну:

– У тебя не будет ни надела на их земле, ни доли среди них; Я – твоя доля и твой надел среди исроильтян. 21Я отдаю левитам в удел все десятины в Исроиле за их службу при шатре встречи. 22Пусть исроильтяне впредь не приближаются к шатру встречи, иначе они навлекут на себя кару и умрут. 23Пусть одни левиты исполняют работу при шатре встречи и будут нести ответственность за его осквернение. Это установление для грядущих поколений будет вечным. Они не получат надел среди исроильтян. 24Вместо этого Я даю левитам в удел десятины, которые исроильтяне приносят Мне в дар. Поэтому Я и сказал о них: «У них не будет надела среди исроильтян».

25Вечный сказал Мусо:

26– Поговори с левитами и скажи им: «Когда вы получаете от исроильтян десятину, которую Я даю вам в удел, то приносите её десятую часть в дар Мне. 27Ваше приношение будет зачтено вам, как зерно с гумна или сок из давильни. 28Точно так же отделяйте Мне в дар часть всех десятин, которые получаете от исроильтян. Отдавайте Мою часть из этих десятин священнослужителю Хоруну. 29Приносите Мне в дар самую лучшую и священную часть всего, что вам дают».

30Скажи левитам: «Когда вы приносите в дар лучшую часть, она будет зачтена вам, как взятая с вашего гумна или давильни. 31Вы и ваши домочадцы можете есть остаток где угодно – это вознаграждение за вашу службу при шатре встречи. 32Вы не навлечёте на себя наказание, делая это, если будете приносить в дар лучшую часть. Тогда вы не оскверните священных приношений исроильтян и не умрёте».