4 Mose 14 – ASCB & CARST

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 14:1-45

Nnipa No Tee Atua

1Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa. 2Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, “Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara 3sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!” 4Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, “Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim.”

5Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim. 6Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu 7na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa. 8Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn. 9Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!”

10Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne sɛ, wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, Awurade animuonyam baeɛ 11na Awurade bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni? 12Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!”

13Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ. 14Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ, 16‘ɛsɛ sɛ Awurade kum wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi anhwɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so hɔ. Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’

17“Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ wɔ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na dɔ yɛn yie. Ɛwom sɛ woaka sɛ, 18Awurade bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim sɛ wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.’ 19Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wo dɔ enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi.”

20Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no. 21Nanso, sɛ mete ase yi, na Awurade animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ. 23Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi hɔ. 24Nanso, mʼakoa Kaleb yɛ onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so sɛ ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa. 25Nanso, ɛsiane sɛ Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ sɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no kɔ ɛserɛ so.”

26Awurade bisaa Mose ne Aaron sɛ, 27“Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa. 28Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ka ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ mosuro. 29Mo nyinaa mobɛwuwu wɔ ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no, 30wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31Moka sɛ mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no. 32Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha. 33Ɛsɛ sɛ mokyini ɛserɛ so ha sɛ atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi sɛ onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha. 34Esiane sɛ akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ sɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina hɔ ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. Sɛ meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.’ 35Me, Awurade, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu wɔ ɛserɛ so ha.”

36Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa Awurade no, 37wɔkunkumm wɔn wɔ Awurade anim. 38Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase.

39Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ. 40Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”

41Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so. 42Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, Awurade nni mo afa. 43Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo.”

44Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho sɛ Awurade adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ hɔ. 45Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma.

Священное Писание (Восточный перевод), версия для Таджикистана

Числа 14:1-45

Мятеж исроильтян

1В ту ночь народ поднял крик и громко плакал. 2Исроильтяне роптали на Мусо и Хоруна. Люди говорили им:

– О, если бы мы умерли в Египте! Или здесь, в пустыне! 3Зачем Вечный ведёт нас в эту землю? Мы падём в ней от меча, а наши жёны и дети попадут в плен. Не лучше ли нам вернуться в Египет?

4Они говорили друг другу:

– Нам нужно выбрать вождя и вернуться в Египет.

5Тогда Мусо и Хорун пали лицом на землю перед собравшимся обществом исроильтян. 6Иешуа, сын Нуна, и Халев, сын Иефоннии, которые были среди тех, кто разведывал землю, в огорчении разорвали на себе одежду 7и сказали собранию исроильтян:

– Земля, которую мы разведали, необыкновенно хороша. 8Если Вечный благосклонен к нам, Он поведёт нас в эту землю, где течёт молоко и мёд, и отдаст её нам. 9Не восставайте против Вечного. Не бойтесь жителей той земли, потому что мы легко одолеем их. Они лишились защиты, а с нами Вечный. Не бойтесь их.

10Но народ говорил о том, чтобы побить их камнями. Тогда слава Вечного явилась исроильтянам у шатра встречи.

Молитва Мусо за народ

11Вечный сказал Мусо:

– До каких пор этот народ будет презирать Меня? До каких пор они будут отказываться поверить в Меня, несмотря на все знамения, которые Я совершил среди них? 12Я поражу их мором и истреблю, а от тебя произведу народ больше и сильнее их.

13Мусо сказал Вечному:

– Но об этом услышат египтяне, из среды которых Ты вывел Своей силой этот народ, 14и они расскажут всё обитателям этой земли. Они уже слышали, что Ты, Вечный, с этим народом и что Ты, Вечный, даёшь видеть Себя лицом к лицу, что Твоё облако стоит над ними и что Ты идёшь перед ними в облачном столбе днём и в огненном – ночью. 15Если Ты истребишь весь этот народ до единого человека, то народы, которые слышали о Тебе, скажут: 16«Вечный не смог привести этот народ в землю, которую с клятвой обещал ему. Поэтому Он погубил его в пустыне». 17Пусть откроется теперь сила Владыки, как Ты и говорил: 18«Вечный долготерпелив, богат любовью и прощает грех и отступничество. Но Он не оправдывает виновных, карая детей за грехи отцов до третьего и четвёртого поколения». 19По великой Своей любви прости грех этого народа, как прощал ему со времён Египта до сегодняшнего дня.

20Вечный ответил:

– Я простил его по твоей просьбе. 21Но верно, как и то, что Я живу и что Моя слава наполняет всю землю, – 22никто из тех, кто видел Мою славу и знамения, которые Я совершил в Египте и в пустыне, но не послушался Меня и испытывал Меня десять раз, 23никто из них не увидит землю, которую Я с клятвой обещал их предкам. Никто из тех, кто презирал Меня, её не увидит. 24Но у Моего раба Халева иной дух, и он повинуется Мне от всего сердца. За это Я приведу его в землю, куда он ходил, и его потомки будут ею владеть. 25Раз в долинах живут амаликитяне и ханонеи, поверните завтра и ступайте в пустыню к Тростниковому морю14:25 Тростниковое море – буквальный перевод с языка оригинала. Среди современных специалистов существуют различные мнения, о каком водоёме здесь идёт речь. Тростниковым морем могли называть как цепи озёр, расположенных на Суэцком перешейке и, вероятно, соединявшихся тогда проливами с Красным морем, так и Суэцкий и Акабский заливы Красного моря (см. напр., 3 Цар. 9:26). В Инджиле эти же воды названы Красным морем..

Наказание за мятеж

26Вечный сказал Мусо и Хоруну:

27– Сколько ещё этот грешный народ будет роптать на Меня? Я слышу всё, что говорят исроильтяне, когда ропщут на Меня. 28Скажи им: «Верно, как и то, что Я живу, – возвещает Вечный, – что вы говорили, то Я и сделаю. 29Ваши трупы будут брошены в этой пустыне, и никто из вас в возрасте от двадцати лет и старше, кто был исчислен при переписи и роптал на Меня, 30не войдёт в землю, которую Я клялся с поднятой рукой сделать вашим домом, кроме Халева, сына Иефоннии, и Иешуа, сына Нуна. 31Ваших детей, о которых вы говорили, что они попадут в плен, Я приведу, и они узнают землю, которую вы отвергли. 32Что до вас, то ваши трупы будут брошены в этой пустыне. 33Ваши дети будут там пастухами сорок лет, страдая за вашу неверность, пока последний из вас не падёт мёртвым в пустыне. 34Сорок лет – по году за каждый из сорока дней, в которые вы разведывали землю, – вы будете страдать за свой грех и узнаете, что значит враждовать со Мной». 35Это сказал Я, Вечный. Я непременно сделаю так с этим грешным народом, который восстал против Меня. В этой пустыне они сгинут; они все умрут здесь.

36Те, кого Мусо посылал разведать землю, и кто, вернувшись, возмутил народ против него, ругая её, 37эти люди, опорочившие землю, умерли перед Вечным от мора. 38Из тех, кто ходил разведать землю, в живых остались только Иешуа, сын Нуна, и Халев, сын Иефоннии.

39Когда Мусо пересказал это исроильтянам, они горько заплакали. 40Встав рано утром, они стали подниматься к вершинам нагорий. «Мы готовы, – говорили они. – Мы пойдём в тот край, что обещал Вечный; мы согрешили».

41Но Мусо сказал:

– Почему вы нарушаете повеление Вечного? Успеха вам не будет. 42Не ходите, ведь Вечный не с вами. Вас разобьют враги, 43ведь там вас встретят амаликитяне и ханонеи. Вы отвернулись от Вечного, и Его не будет с вами; вы падёте от меча.

44Но они дерзнули подняться к вершинам нагорий, хотя ни сундук соглашения с Вечным, ни Мусо не покидали лагерь14:44 Это означало, что Всевышний не пошёл с ними, и что Он не станет оказывать им помощь в бою. Обычно присутствие Вечного в виде облака или огненного столба сопровождало исроильский народ, когда они трогались в путь (см. 9:15-23).. 45И амаликитяне с ханонеями, жившие в тех нагорьях, спустились, разбили их и гнались за ними всю дорогу до Хормы.