3 Mose 9 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 9:1-24

Asɔfodwuma No Ahyɛaseɛ

1Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 2Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim. 3Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no. 4Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.”

5Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim. 6Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.”

7Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

8Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ. 9Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase. 10Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. 11Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi.

12Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa, 13Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so. 14Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

15Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho.

16Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa Awurade sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no. 17Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho.

18Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 19Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo. 20Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so. 21Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.

22Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam.

23Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na Awurade animuonyam baa nnipa no nyinaa so. 24Na ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ Awurade anim.

Het Boek

Leviticus 9:1-24

Offers door de priesters gebracht

1Op de achtste dag van de inwijdingsceremonie riep Mozes Aäron en zijn zonen en de leiders van Israël bij zich. 2Hij droeg Aäron op uit de kudde een stierkalf te halen voor een zondoffer en een ram voor een brandoffer en deze aan de Here te offeren. 3Mozes gaf hem de opdracht: ‘Zeg het volk Israël dat het een bok als zondoffer en een kalf en een schaap, beide eenjarig en zonder gebreken, als brandoffer uitzoekt. 4Bovendien nog een os en een ram als vredeoffer en ook een spijsoffer, met olie aangemaakt, om dat aan de Here te offeren, want vandaag zal de Here aan het volk verschijnen.’

5Zij brachten al deze dingen bij de ingang van de tabernakel, zoals Mozes had gezegd en de mensen stonden daar allemaal bijeen voor de Here. 6‘Als u de opdrachten van de Here nauwkeurig hebt uitgevoerd,’ zei Mozes, ‘zal de heerlijkheid van de Here voor u verschijnen.’ 7Mozes zei Aäron naar het altaar te gaan en daar het zondoffer en het brandoffer te offeren, om eerst zichzelf en daarna het volk te verzoenen, zoals de Here had gezegd.

8Aäron ging naar het altaar en slachtte het kalf als zondoffer voor zijn eigen zonden. 9Zijn zonen vingen het bloed voor hem op en hij doopte zijn vinger erin en streek het aan de vier horens van het altaar. De rest goot hij uit aan de voet van het altaar. 10Toen verbrandde hij het vet, de nieren en het aanhangsel van de lever van zijn zondoffer op het altaar, zoals de Here Mozes had opgedragen. 11Het vlees en de huid verbrandde hij echter buiten het kamp. 12Vervolgens slachtte hij het dier van het brandoffer en zijn zonen vingen het bloed op, waarna hij dat over het altaar sprenkelde. 13Zij brachten het dier in stukken gesneden bij hem, ook de kop en hij verbrandde elk deel apart op het altaar. 14Hij waste de ingewanden en de schenkels en offerde ook die op het altaar. 15Daarna verbrandde hij de offers van het volk, hij slachtte de bok en offerde die op dezelfde manier als zijn eigen zondoffer. 16Zo deed hij ook met hun brandoffer aan de Here, volgens de voorschriften die God had gegeven. 17Vervolgens bracht hij het spijsoffer, nam een handvol en verbrandde dat op het altaar, samen met het gewone ochtendoffer. 18Daarna slachtte hij de os en de ram, het vredeoffer van het volk. Zijn zonen brachten het bloed bij hem en hij sprenkelde het over het altaar. 19Toen verzamelde hij het vet van de os en de ram: het vet van hun staarten, dat wat hun ingewanden bedekte en de nieren en het aanhangsel van de lever. 20Het vet werd op de borststukken van de dieren gelegd en op het altaar verbrand. 21De borststukken en de rechterschouder van de dieren hief hij voor het aangezicht van de Here omhoog als offer aan Hem, precies zoals Mozes het had gezegd.

22Toen zegende Aäron het volk met wijd gespreide handen en kwam van het altaar naar beneden. 23Mozes ging met hem de tabernakel binnen en toen zij weer naar buiten kwamen, zegenden zij het volk, en de heerlijkheid van de Here verscheen aan alle aanwezigen. 24De Here stuurde vuur dat het brandoffer en het vet op het altaar verteerde. Toen de mensen dat zagen, juichten zij van blijdschap en wierpen zich op de grond voor de Here.