3 Mose 26 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 26:1-46

Osetie So Akatua

1“ ‘Monnyɛ abosom. Monnsisi ahoni anaa aboɔ mma mo ho. Mommfa aboɔ a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkoto wɔn. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

2“ ‘Ɛsɛ sɛ modi me Homeda, na mode anidie ma me kronkronbea. Mene Awurade.

3“ ‘Sɛ modi me mmara no nyinaa so a, 4daa mɛtɔ osuo ama mo ama mo nnɔbaeɛ ayɛ yie abu so, na mo nnua nso bɛso aba a ɛbɛkyɛre wɔ nnua no so. 5Na sɛ ɛduru odua berɛ so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mobɛdidi amee na moatena asase no so asomdwoeɛ mu,

6“ ‘Ɛfiri sɛ, mɛma mo asomdwoeɛ, na mɛma mo ada a monnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afiri mo ho. 7Mobɛpam mo atamfoɔ; na wɔbɛwuwu wɔ mo asekan ano. 8Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka ɔpedu agu! Mo atamfoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano wɔ mo anim.

9“ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔre, na madi apam a me ne mo pameeɛ no so. 10Mo nnɔbaeɛ bɛbu so a sɛ otwa berɛ foforɔ duru so a, morenhunu deɛ mode bɛyɛ. 11Na mɛtena mo mu, na meremmu mo animtiaa. 12Me ne mo bɛnante, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfoɔ. 13Mene Awurade mo Onyankopɔn a ɔde mo firi Misraim asase so baeɛ sɛ ɔmpɛ sɛ moyɛ nkoa bio no. Mabubu mo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, na mɛma mo anante animuonyam so.

14“ ‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so, 15na mopo me mmara a, 16deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma mo akoma atutu na mama nsamanwa ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani bɛtutu, na mo nkwa so ahwan. Mobɛdua nnɔbaeɛ agu kwa, ɛfiri sɛ, mo atamfoɔ na wɔbɛdie. 17Mɛyi mʼani afiri mo so, na moadwane afiri mo atamfoɔ anim. Wɔn a wɔtan mo bɛdi mo so. Mobɛdwane ɛberɛ a obiara mpam mo.

18“ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo aso mmɔho nson a emu yɛ den wɔ mo bɔne no ho. 19Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dadeɛ ne mo fam sɛ kɔbere. 20Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase nnya nnɔbaeɛ biara, na ɛso nnua nso renso aba.

21“ ‘Na sɛ tie ara na monntie me a, mo bɔne enti, mede ɔyaredɔm mmɔho nson bɛgu mo so. 22Mɛma nkekaboa abɛkunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwie, na mate mo dodoɔ so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.

23“ ‘Na sɛ yei antumi ansesa mo, na mokɔ so tia mʼapɛdeɛ a, 24me nso, mɛtia mo apɛdeɛ, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mprɛnson wɔ mo bɔne ho. 25Menam ɔko so bɛbu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mobɛdwane akɔ mo nkuro mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfoɔ bɛdi mo so. 26Mɛsɛe mo nnuane a mobɛnya nyinaa kɔsi sɛ mpo, fononoo baako burodo a ɛbɛto no na mmusuakuo edu bɛdi. Aduane kakra a mobɛdi no akyi, ɛkɔm bɛde mo.

27“ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, 28mo bɔne enti, me bo bɛfu mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho nson. 29Mobɛwe mo mmammarima ne mo mmammaa ɛnam. 30Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Mɛtwitwa mo aduhwam afɔrebukyia agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a ɛnni nkwa no so; na mɛpo mo. 31Mɛma mo nkuro ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohwam afɔrebɔ no. 32Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfoɔ atena so, na deɛ mɛyɛ mo no ayɛ mo nwanwa. 33Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkuro. 34Akyire no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfeɛ dodoɔ a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmerɛ a mowɔ atamfoɔ nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso. 35Ɛberɛ a asase no da mpan nyinaa, ɛbɛnya home a moamma annya wɔ Homeda dodoɔ a motenaa soɔ no.

36“ ‘Wɔn a wɔgyaa wɔn hɔ a wɔnwuiɛ no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafoɔ ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahahan koraa a, wɔbɛdwane te sɛ deɛ obi a ɔkura akofena repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ ɛberɛ a obi mpam wɔn. 37Obiara rempamo wɔn nanso ehu enti, wɔbɛsuntisunti wɔn ho wɔn ho te sɛ deɛ wɔredwane afiri akono a wɔnni tumi biara a wɔde bɛgyina wɔn atamfoɔ anim no. 38Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfoɔ asɛe mo. 39Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne enti, wɔn ho bɛyera wɔn wɔ atamfoɔ nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛeɛ no enti.

40“ ‘Nanso akyire no, me nkurɔfoɔ bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛdeɛ wɔdii me hwammɔ na wɔtiaa me no. 41Sɛ me nso metia wɔn te sɛ deɛ ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfoɔ asase so a, afei, wɔn akomaden no ano bɛbrɛ ase, na wɔbɛtua wɔn bɔne so ka. 42Afei, mɛkae apam a me ne Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. 43Asase no da hɔ dinn no, ɛbɛdi ne homeda. Nanso akyire no, wɔbɛnya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛeɛ so na wɔtiaa me mmara. 44Na deɛ wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔne mʼapam no korakora, ɛfiri sɛ, mene Awurade wɔn Onyankopɔn. 45Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim, ɛberɛ a amanaman nyinaa rehwɛ no, yɛeɛ no. Me Awurade ne wɔn Onyankopɔn.’ ”

46Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ no wɔ Sinai Bepɔ so no.

New International Reader’s Version

Leviticus 26:1-46

Rewards for Obeying the Lord

1“ ‘Do not make statues of gods for yourselves. Do not set up a likeness of a god or a sacred stone for yourselves. Do not place a carved stone in your land and bow down in front of it. I am the Lord your God.

2“ ‘You must always keep my Sabbath days. Have respect for my sacred tent. I am the Lord.

3“ ‘Follow my rules. Be careful to obey my commands. 4Then I will send you rain at the right time. The ground will produce its crops. The trees will bear their fruit. 5You will continue to harvest your grain until you gather your grapes. You will continue to gather your grapes until you plant your crops. You will have all you want to eat. And you will live in safety in your land.

6“ ‘I will give you peace in the land. You will be able to sleep because no one will make you afraid. I will remove wild animals from the land. There will not be any war in your country. 7You will hunt down your enemies. You will kill them with your swords. 8Five of you will chase 100. And 100 of you will chase 10,000. You will kill your enemies with your swords.

9“ ‘I will bless you. I will give you many children so that there will be many of you. And I will be faithful to the covenant I made with you. 10You will still be eating last year’s crops when you will have to make room for new crops. 11I will live among you. I will not turn away from you. 12I will walk among you. I will be your God. And you will be my people. 13I am the Lord your God. I brought you out of Egypt. I did not want you to be slaves in Egypt anymore. I threw off your heavy load. I helped you walk with your heads held high.

Punishment for Not Obeying the Lord

14“ ‘On the other hand, suppose you do not listen to me. Suppose you do not carry out all my commands. 15Suppose you say no to my rules and turn away from my laws. And suppose you break my covenant by failing to carry out all my commands. 16Then here is what I will do to you. All at once I will bring terror on you. I will send sicknesses that will make you weak. I will send fever that will destroy your sight. It will slowly take your strength away. When you plant seeds, it will not do you any good. Instead, your enemies will eat what you have planted. 17I will turn against you. Then your enemies will win the battle over you. Those who hate you will rule over you. You will run away even when no one is chasing you.

18“ ‘After all that, suppose you still will not listen to me. Then I will punish you for your sins seven times. 19I will break down your stubborn pride. I will make the sky above you like iron, and it will not rain. I will make the ground under you like bronze, and you will not be able to farm it. 20You will work with all your strength, but it will not do you any good. That is because your soil will not produce any crops. The trees of your land will not bear any fruit.

21“ ‘Suppose you continue to be my enemy. And suppose you still refuse to listen to me. Then I will multiply your troubles many times because of your sins. 22I will send wild animals against you. They will kill your children. They will destroy your cattle. There will be so few of you left that your roads will be deserted.

23“ ‘After all those things, suppose you still do not accept my warnings. And suppose you continue to be my enemy. 24Then I myself will be your enemy. I will make you suffer again and again for your sins. 25I will send war against you to punish you for breaking my covenant. When you go back into your cities, I will send a plague among you. You will be handed over to your enemies. 26I will cut off your supply of bread. Ten women will need only one oven to bake your bread. They will weigh out the bread piece by piece. Even when you eat all of it, it will not be enough to satisfy you.

27“ ‘After all that, suppose you still do not listen to me. And suppose you continue to be my enemy. 28Then I will be angry with you. I will be your enemy. I myself will again punish you for your sins over and over. 29You will eat the dead bodies of your sons. You will also eat the dead bodies of your daughters. 30I will destroy the high places where you worship other gods. I will pull down your incense altars. I will pile up your dead bodies on the lifeless statues of your gods. And I will turn away from you. 31I will completely destroy your cities. I will destroy your places of worship. The pleasant smell of your offerings will not give me any delight. 32I myself will destroy your land so completely that your enemies who live there will be shocked. 33I will scatter you among the nations. I will pull out my sword and hunt you down. Your land and your cities will be completely destroyed. 34Then the deserted land will enjoy its sabbath years. It will rest. It will not be farmed. It will enjoy its sabbaths. But you will become prisoners in the country of your enemies. 35The land will rest the whole time it is deserted. It was not able to rest during the sabbaths you lived in it.

36“ ‘Some of you will be left in the lands of your enemies. I will fill your hearts with fear. The sound of a leaf blown by the wind will scare you away. You will run as if you were escaping from swords. You will fall down, even though no one is chasing you. 37You will trip over one another as if you were running away from the battle. You will run away, even though no one is chasing you. You will not be able to stand and fight against your enemies. 38While you are still scattered among the nations, you will die. The lands of your enemies will destroy you. 39You who are left in those lands will become weaker and weaker. You will die because of your sins and the sins of your people who lived before you.

40“ ‘But suppose you admit that both you and your people who lived before you have sinned. You admit the evil and dishonest things you have done against me. And you admit you have become my enemy. 41What you did made me become your enemy. I let your enemies take you into their land. But suppose you stop being stubborn. You stop being proud. And you pay for your sin. 42Then I will remember my covenant with Jacob. I will remember my covenant with Isaac. I will remember my covenant with Abraham. I will remember what I said to them about the land. 43You will leave the land. It will enjoy its sabbaths while it lies deserted because you are not there. You will pay for your sins because you said no to my laws. You turned away from my rules. 44But even after all that, I will not say no to you or turn away from you. I will not destroy you completely in the land of your enemies. I will not break my covenant with you. I am the Lord your God. 45Because of you, I will remember the covenant I made with the people of Israel who lived before you. I brought them out of Egypt to be their God. The nations saw me do it. I am the Lord.’ ”

46These are the orders, the laws and the rules of the covenant the Lord made on Mount Sinai. He made it between himself and the Israelites through Moses.