3 Mose 2 – ASCB & KLB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 2:1-16

Atokoɔ Afɔrebɔ

1“ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ. 2Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ. 3Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

4“ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie. 5Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no. 6Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ. 7Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no. 8Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade. 9Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. 10Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

11“ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu. 12Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani. 13Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu.

14“ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade. 15Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ. 16Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.

Korean Living Bible

레위기 2:1-16

소제

1“누구든지 곡식으로 나 여호와에게 소제를 드리려거든 고운 밀가루를 바쳐 라. 제물을 바치는 자는 그 밀가루에 감람기름을 붓고 그 위에 향을 놓아

2아론의 자손 제사장들에게 가져가야 할 것이며 제사장은 감람기름이 섞인 그 고운 밀가루 한 줌과 모든 향을 집어 그 제물 전체를 나 여호와에게 바쳤다는 표로 그것을 제단 위에서 불로 태워야 한다. 이것은 불로 태우는 화제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.

3그 소제물의 남은 것은 아론과 그 자손들에게 주어라. 이것은 나 여호와에게 바친 화제 중에서 아주 거룩한 것이다.

4“만일 너희가 화덕에 구운 것으로 소제를 드리려고 하면 그것은 고운 밀가루에 누룩을 넣지 않고 감람기름을 섞어 구운 빵이나 감람기름을 발라 구운 얇은 과자여야 한다.

5만일 철판에 부친 것으로 소제를 드리려고 하면 그것은 고운 밀가루에 기름을 섞어 누룩을 넣지 말고 만든 것이어야 한다.

6그리고 그것을 조각으로 나누어 그 위에 기름을 부어라. 이것은 곡식으로 드리는 소제이다.

7만일 너희가 솥에 찐 빵으로 소제를 드리려고 하면 그것은 고운 밀가루에 감람기름을 섞어 만든 것이어야 한다.

8너희는 나 여호와에게 바칠 이런 소제물들을 제사장에게 가져갈 것이며 제사장은 그것을 단으로 가지고 가서

9나에게 전체를 드렸다는 표로 그 일부를 단에서 불로 태워야 한다. 이것은 불로 태우는 화제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.

10소제물의 남은 것은 아론과 그 자손들에게 주어라. 이것은 나 여호와에게 바친 화제 중에서 아주 거룩한 것이다.

11“너희는 나 여호와에게 곡식으로 드리는 소제물에 누룩을 넣지 말아라. 너희가 나에게 바치는 소제물에 누룩이나 꿀을 넣어서는 안 된다.

12누룩과 꿀은 제일 처음 추수한 예물로서 나에게 바칠 수 있으나 그것을 단에 올려 태워서는 안 된다.

13너희는 곡식으로 드리는 모든 소제물에 소금을 쳐라. 소금은 너희와 나 사이에 맺은 계약의 상징이므로 너희 모든 예물에 이 소금을 쳐야 한다.

14너희가 첫 이삭을 나 여호와에게 소제로 드리려거든 그것을 볶아서 찧은 다음

15그 위에 감람기름을 붓고 향을 얹어 바쳐라. 이것은 곡식으로 드리는 소제이다.

16그리고 제사장은 그 모든 것을 나 여호와에게 바쳤다는 표로 찧은 곡식 일부와 감람기름 일부와 모든 향을 불로 태워야 한다. 이것은 나 여호와에게 불로 태워 바치는 화제이다.”