3 Mose 17 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 17:1-16

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Hyɛ saa mmara a ɛfiri Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa. 3Israelni biara a ɔde nantwie, odwammaa anaa abirekyie bɛbɔ afɔdeɛ wɔ sraban mu anaa akyire no 4a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu. 5Saa mmara yi bɛbra Israelfoɔ no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔdeɛ wɔ wiram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔdeɛ no abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛtumi de ama Awurade sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ. 6Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ. 7Na ama ɔmanfoɔ agyae afɔdeɛ a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wiram no. Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

8“Meti mu bio sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔne mo te no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no anaa afɔrebɔ no ba, 9na sɛ wɔamfa amma Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano amfa amma Awurade a, wɔbɛtwa mo asuo afiri ɔmanfoɔ mu.

10“ ‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu. 11Ɛfiri sɛ, ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔrebukyia no so sɛ mpatadeɛ mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu enti na wɔde yɛ mpatadeɛ ma onipa kra. 12Ɛno enti, mereka akyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Mma wɔn anaa ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nni mogya.”

13“ ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɔ na ɔbɛkum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔne ne mogya na ɔmfa mfuturo nkata so, 14ɛfiri sɛ, aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, “Monnni mmogya, ɛfiri sɛ, nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a ɔdi mogya no, ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo.”

15“ ‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awuo anaasɛ akekaboa bi na ɔkumm no no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ; ɛno akyi, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ ne ho ate. 16Na sɛ wansi ne ntoma annware a, wɔne no bɛdi no sɛdeɛ mmara no seɛ.’ ”