3 Mose 10 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 10:1-20

Nadab Ne Abihu Wuo

1Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim. 2Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn. 3Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ,

“ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ

wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa

ahyɛ me animuonyam no,

aseɛ ne no.’”

Na asɛm no tɔree Aaron mumu.

4Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.” 5Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.

6Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso. 7Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri sɛ, Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so.

8Afei, Awurade hyɛɛ Aaron sɛ, 9“Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 10Wo nnwuma ne sɛ, wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam, 11na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”

12Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Sɛ mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no wɔ afɔrebukyia no ho. Monhwɛ sɛ mmɔka nni mu ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 13Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ. 14Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu. 15Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

16Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu sɛ wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no. 17“Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn wɔ Awurade anim. 18Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no enti, anka mobɛtumi awe no hɔ ara sɛdeɛ mehyɛeɛ no.’ ”

19Aaron srɛɛ Mose maa ne mma no sɛ, “Ɛnnɛ me mma no bɔɔ wɔn bɔne afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔdeɛ ɛnam yi bi ɛnnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ anaa?” 20Na Mose tee saa no, ɔgye too mu.