2 Timoteo 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 4:1-22

Paulo Afotuo

1Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ, 2ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu. 3Ɛberɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. 4Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm. 5Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ.

6Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so. 7Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora. 8Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.

Nkyerɛkyerɛ A Ɛtwa Toɔ

9Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ. 12Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. 13Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɛeɛ no.

14Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɛeɛ no, Awurade bɛtua ne so ka. 15Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu dendeenden.

16Ɛberɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn. 17Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom. 18Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen.

Nkradie A Ɛtwa Toɔ

19Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me.

20Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare. 21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ aduru.

Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo.

22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.