2 Samuel 23 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 23:1-39

Dawid Nsɛm A Ɛtwa Toɔ

1Yei ne Dawid nsɛm a ɛtwaa toɔ:

“Dawid, Yisai ba barima a

Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ a ɛyɛ nwanwa,

na Yakob Onyankopɔn sraa no ngo no,

ne nnwomsiaani papa bi nie:

2Awurade honhom kasa fa me mu;

ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.

3Israel Onyankopɔn kasaeɛ,

Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ:

‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu,

na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,

4ɔte sɛ anɔpa hann,

ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ;

ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ,

na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’

5“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.

Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.

Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano.

Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa.

6Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,

ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.

7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;

wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.”

Dawid Nnɔmmarima

8Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima:

Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.

9Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane. 10Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.

11Deɛ ɔdi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ɔfiri Harar babarima. Ɛda koro bi, Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so asɛdua afuo bi mu. Israel akodɔm no dwaneeɛ, 12nanso, Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuo no mfimfini, kaa Filistifoɔ no guiɛ. Enti, Awurade ma ɔdii nkonim.

13Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ. 14Saa ɛberɛ no na Dawid te sraban mu hɔ a na Filistifoɔ akodɔm no fa bi nso akɔtena Betlehem. 15Dawid daa nʼakɔnnɔ adi sɛ, “Ao, sɛ menya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kuro no ɛpono no ano hɔ no bi a, mɛnom.” 16Enti, Baasa no bu faa Filistifoɔ no mu kɔsaa nsuo no bi firii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso, wannom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim. 17Ɔteaam sɛ, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom yei! Saa nsuo yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaa nsuo yi brɛɛ me yi mogya.” Enti, Dawid annom. Aninsɛm a Baasa no yɛeɛ nhwɛsoɔ bi nie.

Dawid Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa

18Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Ɛda bi, ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ ahasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te sɛ Baasa no. 19Abisai na ɔgyee edin pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwom na ɔnka Baasa no ho deɛ, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.

20Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofoɔ kokodurufoɔ a ɔfiri Kabseel. Ɔdii aninsɛm bebree a ebi ne sɛ, ɔkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu. Ɛberɛ bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro deɛ, nanso ɔkyeree gyata no, kumm no. 21Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no. 22Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te sɛ Baasa no. 23Na ɔwɔ animuonyam sene wɔn a na wɔfra Aduasa no mu, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfoɔ no so ɔsahene.

24Wɔn a aka a wɔfra Aduasa no mu nie:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo a ɔfiri Betlehem babarima Elhanan;

25Sama a ɔfiri Harod;

Elika a ɔfiri Harod;

26Heles a ɔfiri Palti;

Ira, Ikes a ɔfiri Tekoa babarima;

27Abieser a ɔfiri Anatot;

Sibekai a ɔfiri Husa;

28Salmon a ɔfiri Ahoa;

Maharai a ɔfiri Netofa;

29Heleb, Baana a ɔfiri Netofa babarima;

Itai, Ribai a ɔfiri Gibea (Benyamin abusuakuo mu) babarima;

30Benaia a ɔfiri Piraton;

Hidai a ɔfiri Nahale-Gaas;

31Arbatini Abi-Albon;

Asmawet a ɔfiri Bahurim;

32Eliahba a ɔfiri Saalbon;

Yaasen mmammarima;

33Yonatan, Sama a ɔfiri Harar babarima;

Sarar, Ahiam a ɔfiri Maaka babarima;

34Elifelet, Ahasbai a ɔfiri Maaka babarima;

Eliam, Ahitofel a ɔfiri Gilo babarima;

35Hesro a ɔfiri Karmel;

Paarai a ɔfiri Arba;

36Igal, Natan a ɔfiri Soba babarima;

Bani a ɔfiri Gad;

37Selek a ɔfiri Amon;

Naharai a ɔfiri Beerot (Yoab akodeɛkurafoɔ);

38Ira a ɔfiri Yitri;

Gareb a ɔfiri Yitri;

39Hetini Uria.

Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduasa nson.