2 Samuel 21 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 21:1-22

Dawid Tɔ Were Ma Gibeonfoɔ

1Dawid ahennie so no, ɛkɔm baa asase no so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid bisaa Awurade ɛkɔm no ho asɛm. Na Awurade kaa sɛ, “Esiane ɛfɔ a Saulo ne ne fiefoɔ di wɔ kunkum a wɔkunkumm Gibeonfoɔ no ho enti na ɛkɔm saa aba no.”

2Enti, ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfoɔ no nyinaa. Na wɔnka Israelfoɔ no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifoɔ21.2 Edin Amorifoɔ yɛ din a wɔde frɛ Kanaanfoɔ nyinaa ansa na wɔredi wɔn so (1 Mose 15.16; Yos 24.18). Nokorɛm, Gibeonfoɔ yɛ Hiwifoɔ (Yos 9.7; 11.19). nkaeɛfoɔ bi. Israel kaa ntam sɛ, wɔrenkum wɔn, nanso ɛsiane Saulo ahopereɛ enti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase. 3Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ, “Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɛhyira ne nkurɔfoɔ bio.”

4Gibeonfoɔ no buaa sɛ, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wɔbɛkunkum Israelfoɔ aweretɔ so.”

Enti, Dawid kɔɔ so bisaa wɔn sɛ, “Enti, ɛdeɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”

5Na wɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara wɔ Israel. 6Enti, wɔnyi Saulo mmammarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yɛbɛkum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔ no so.”

Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ. Mɛyɛ.”

7Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no enti. 8Nanso, ɔde Saulo mmammarima baanu a na wɔn edin de Armoni ne Mefiboset a na wɔn maame Rispa no yɛ Aia babaa maa wɔn. Ɔsane de Saulo babaa Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ɔfiri Mehola no yere mmammarima baanum no maeɛ. 9Na Gibeon mmarima no kunkumm wɔn wɔ bepɔ no so wɔ Awurade anim. Enti, nnipa baason no nyinaa, wɔkunkumm wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrefiri atokotwa afahyɛ no ase no.

10Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu maame no de ayitoma sɛɛ ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwaberɛ no nyinaa mu. Wamma apete ammɛtete wɔn amu no awiaberɛ mu, na anadwo nso, ɔsii nkekaboa ho kwan. 11Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no, 12ɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔfiri Yabes Gilead nkyɛn, kɔbisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Ɛberɛ a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifoɔ koeɛ no ano no, Yabes Gileadfoɔ na wɔkɔtasee wɔn amu Filistifoɔ kuro Bet-San abɔntene so.) 13Enti, Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe baeɛ. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfoɔ kunkumm wɔn no nnompe baeɛ.

14Ɔsiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kuro Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɛkɔm no so wɔ Israel asase so.

Israel Ne Filistifoɔ Akokoakoko

15Bio, Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na ɛberɛ a ɔko no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, Dawid tɔɔ baha. 16Na Yisbi-Benob yɛ abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no. 17Nanso, Seruia babarima Abisai bɛgyee Dawid, na ɔkumm Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam sɛ, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio. Anyɛ saa a, Israel kanea bɛdum.”

18Yei akyi, ɔko foforɔ ba de tiaa Filistifoɔ no wɔ Gob. Wɔgu so reko no, Sibekai21.18 Na Sibekai da Dawid akodɔm a ɛtɔ so nwɔtwe no ano (1 Be 27.11). a ɔfiri Husan, kumm Saf a na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.

19Ɔko foforɔ bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem kumm Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne pea nsa mu duru bɛyɛ sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. 20Ɔko bi a ɛsii bio wɔ Gat nso, ɔbarima tetetuo bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abrane no aseni no 21pɛɛ sɛ ɔbu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nua Simea babarima Yonatan na ɔkumm no.

22Saa Filistifoɔ abrane baanan yi yɛ Gat abrane no asefoɔ. Na Dawid ne nʼakofoɔ na wɔkunkumm wɔn nyinaa.

Het Boek

2 Samuël 21:1-22

Sauls schuld vereffend

1Gedurende Davids regering heerste drie jaar lang een hongersnood en David bad daarom veel. Toen zei de Here: ‘De oorzaak van de hongersnood ligt in de schuld van Saul en zijn familie, want zij vermoordden destijds de Gibeonieten.’ 2David liet de Gibeonieten bij zich komen. Zij hoorden niet bij het volk Israël, maar waren nakomelingen van de Amorieten. Israël had gezworen hen niet te doden, maar Saul had in zijn ijver voor het volk van Israël en Juda getracht hen uit te roeien. 3David vroeg hun: ‘Wat kan ik doen om onze schuld tegenover u weg te nemen en hoe kan ik u overhalen Gods volk te zegenen?’ 4‘Wel, geld zal niet helpen,’ meenden de Gibeonieten, ‘en wij willen ook niet dat uit vergelding Israëlieten worden gedood.’ ‘Maar wat kan ik dan wel voor u doen?’ vroeg David. 5-6 Hun antwoord luidde: ‘Geef ons zeven zonen van Saul, de man die zijn uiterste best deed ons te vernietigen. Wij zullen hen voor de Here in Gibeon, de stad van koning Saul, ophangen.’ De koning stemde daarmee in. 7Hij spaarde Jonathans zoon Mefiboseth, die een kleinzoon van Saul was, wegens de eed tussen hem en Jonathan. 8Maar hij gaf hun de twee zonen van Rizpa, Armoni en Mefiboseth, kleinzonen van Saul via zijn vrouw Ajja. Tevens gaf hij hun de vijf geadopteerde zonen van Merab, Sauls oudste dochter die getrouwd was met Adriël, de zoon van de Meholathiet Barzillai. 9De mannen van Gibeon hingen hen op de berg op voor de ogen van de Here. Zo stierven zij alle zeven tegelijk bij het begin van de gerste-oogst.

10Toen spreidde Rizpa, de moeder van twee van de mannen, een stuk grove stof over de rotsbodem uit en sliep daar een half jaar gedurende de oogsttijd om te voorkomen dat overdag de gieren en ʼs nachts de wilde dieren de lijken verscheurden en opvraten. 11Toen David hoorde wat Rizpa, de dochter van Ajja en de bijvrouw van Saul, had gedaan, 12-14zorgde hij ervoor dat de beenderen van de mannen werden begraven in het graf van Sauls vader Kis. Tegelijkertijd stuurde hij mannen naar Jabes in Gilead om de beenderen van Saul en Jonathan daar weg te halen. De mannen van Jabes hadden de lijken destijds van het stadsplein in Bet-San weggehaald, waar de Filistijnen ze hadden opgehangen nadat zij waren gesneuveld op de berg Gilboa. Zo werd hun gebeente naar hem toegebracht. En eindelijk verhoorde God de gebeden en kwam er een einde aan de hongersnood.

15Rond diezelfde tijd waren de Filistijnen weer in oorlog met Israël. Toen hij en zijn mannen volop in het gevecht waren gewikkeld, raakte David uitgeput. 16Jisbi-Benob, een reus wiens speerpunt meer dan zes kilo woog en die in een volledig nieuwe wapenrusting rondliep, wist bij David in de buurt te komen en stond op het punt hem te doden. 17Abisaï, de zoon van Zeruja, zag echter wat er gebeurde. Hij schoot erop af en doodde de Filistijn. Daarna zwoeren Davids mannen: ‘U gaat niet meer mee als er moet worden gevochten! We mogen niet het risico lopen dat het licht van Israël wordt gedoofd!’

18Enige tijd later, tijdens een treffen met de Filistijnen bij Gob, doodde de Husathiet Sibbechai een andere reus, Saf genaamd. 19Nog later werd op diezelfde plaats de Gathiet Goliath gedood door Elhanan. De schacht van de speer van deze reus was net zo groot als een weversboom! 20-21 En tijdens een ander treffen tussen de Filistijnen en de Israëlieten bij Gath, schold een reus met zes vingers aan elke hand en zes tenen aan elke voet Israël uit, waarna Davids neef Jonathan—de zoon van zijn broer Simea—hem doodde. 22Deze reuzen waren afstammelingen van Rafa uit Gath en werden gedood door David en zijn mannen.