2 Samuel 18 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 18:1-33

Absalom Nkoguo Ne Ne Wuo

1Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim. 2Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Me ne mo na ɛrekɔ.”

3Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”

4Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.”

Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no. 5Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.

6Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu. 7Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa. 8Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu wɔ akofena ano no.

9Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem.

10Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.”

11Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.”

12Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’ 13Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.”

14Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no. 15Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no.

16Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa. 17Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie. 18Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.

Dawid Su Absalom

19Na Sadok babarima Ahimaas kaa sɛ, “Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ sɛ, Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam.”

20Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.”

21Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.

22Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.”

Nanso, Yoab bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara.”

23Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.”

Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.

24Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba. 25Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa sɛ, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe.

26Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!”

Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”

27Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔdi ɛkan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.”

Ɔhene no kaa sɛ, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.”

28Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara yɛ!” Ɔkotoo wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa sɛ, “Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”

29Ɔhene bisaa sɛ, “Na aberanteɛ, Absalom ho yɛ anaa?” Ahimaas buaa sɛ, “Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie.”

30Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee.

31Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”

32Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.”

33Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

Het Boek

2 Samuël 18:1-33

De dood van Absalom

1David inspecteerde zijn troepen en stelde commandanten aan. 2Een derde gedeelte werd onder leiding van Joabs broer Abisaï geplaatst, een ander derde gedeelte onder de Gathiet Ittai. Joab zelf leidde het andere derde deel. De koning was vastbesloten de leiding over het hele leger te nemen. 3‘Dat moet u niet doen,’ zeiden de mannen, ‘want als wij ons onverhoopt moeten terugtrekken en de helft van ons sneuvelt, zal het voor hen niets uitmaken, zij zullen het alleen op u voorzien hebben. U bent tienduizend man waard, daarom is het beter dat u hier in de stad blijft en ons hulp zendt als wij dat nodig hebben.’ 4‘Goed, ik zal naar jullie advies luisteren,’ zei David ten slotte berustend. Daarom stond hij aan de poort toen de troepen langs hem heen trokken. 5En de koning bond Joab, Abisaï en Ittai op het hart: ‘Behandel de jonge Absalom niet te ruw ter wille van mij.’ Alle soldaten hoorden hoe hij dit tegen hen zei.

6Toen ontbrandde de strijd in het woud van Efraïm 7en de Israëlitische troepen werden door Davids mannen teruggeslagen. Het was een grote slachtpartij, waarbij die dag twintigduizend mannen sneuvelden. 8In de hele streek werd gevochten en er kwamen meer mannen in het woud om dan er op het slagveld sneuvelden.

9Tijdens de strijd stootte Absalom op enkele mannen van David en toen hij op zijn muildier wegvluchtte, rende het dier onder de dikke takken van een grote eik door en raakte Absaloms haar verstrikt in die takken. Zijn muildier rende verder, terwijl hij aan een tak bleef hangen. 10Een van Davids mannen zag hem daar hangen en meldde het Joab. 11‘Wat? Je zag hem daar hangen en je hebt hem niet gedood?’ riep Joab boos. ‘Ik zou je rijk hebben beloond en je tot officier hebben bevorderd.’ 12‘Ik zou de prins nog voor geen duizend zilverstukken doden,’ antwoordde de man. ‘Wij hebben toch allemaal gehoord hoe de koning tegen u en Abisaï en Ittai zei dat omwille van hem Absalom niet ruw mocht worden behandeld. 13En als ik de koning had verraden door zijn zoon te doden (en de koning zou er zeker achterkomen wie het had gedaan) dan zou u zelf de eerste zijn geweest om mij te beschuldigen.’ 14‘Genoeg gekletst,’ vond Joab. Hij pakte drie werpspiesen en stak die door Absaloms hart, terwijl deze weerloos aan de boomtakken bungelde. 15Tien van Joabs jonge wapenknechten omringden Absalom daarna en doodden hem. 16Daarop blies Joab op zijn bazuin en zijn mannen staakten de achtervolging van de Israëlitische troepen. 17Zij gooiden Absaloms lijk in een diepe kuil in het woud en stapelden er een grote hoop stenen overheen. Het Israëlitische leger vluchtte ondertussen terug naar huis. 18Absalom had vroeger in het Koningsdal een monument voor zichzelf laten bouwen, want hij zei toen: ‘Ik heb geen zonen die mijn naam zullen dragen.’ Hij noemde het ‘Absaloms monument’ en zo heet het vandaag de dag nog steeds.

19Toen zei Zadoks zoon Ahimaäz: ‘Laat mij snel vooruitgaan naar koning David om het goede nieuws te brengen dat de Here hem heeft gered van zijn vijand Absalom.’ 20Maar Joab weigerde toestemming. ‘Het is geen goed nieuws voor de koning dat zijn zoon dood is,’ zei hij. ‘Een andere keer mag je mijn boodschapper zijn.’ 21Toen zei Joab tegen een Ethiopiër: ‘Ga de koning vertellen wat je hebt gezien.’ De man maakte een buiging en rende weg. 22Maar Ahimaäz hield niet op te vragen of hij ook weg mocht. ‘Nee, dat is niet nodig, mijn jongen,’ antwoordde Joab. ‘Er is toch geen ander nieuws te melden.’ 23‘Maar dan kunt u mij net zo goed wel laten gaan,’ hield Ahimaäz vol. Ten slotte gaf Joab toe. ‘Goed, ga dan maar,’ zei hij. Ahimaäz nam de weg over de vlakte en kwam daardoor voor op de Ethiopiër.

24David zat bij de stadspoort. Toen de wachter de trap opklom naar zijn uitkijkpost bovenop de muur, zag hij een eenzame loper naderen. 25Hij riep het nieuws naar David en de koning antwoordde: ‘Als hij alleen is, heeft hij vast en zeker nieuws.’ Toen de boodschapper dichterbij kwam, 26zag de wachter nog een man naderen. Hij riep naar beneden: ‘Er komt nog iemand aan.’ En de koning zei: ‘Die zal nog wel meer nieuws brengen.’ 27‘Aan het lopen van de eerste man kan ik zien dat het Ahimaäz, de zoon van Zadok is,’ zei de wachter. ‘Hij is een goed man en komt met goed nieuws,’ meende de koning. 28Toen riep Ahimaäz de koning toe: ‘Alles is in orde!’ Hij boog diep met zijn gezicht naar de grond en zei: ‘Gezegend zij de Here, uw God, die de rebellen heeft gedood die tegen u in opstand durfden te komen.’ 29‘Hoe is het met de jonge Absalom?’ wilde de koning weten. ‘Is alles goed met hem?’ ‘Toen Joab mij bij zich liet komen, hoorde ik een heleboel geschreeuw, maar ik weet niet precies wat er is gebeurd,’ antwoordde Ahimaäz.

30‘Wacht hier,’ beval de koning hem. Ahimaäz ging opzij. 31Toen bereikte de Ethiopiër de stad en zei: ‘Koning, ik heb goed nieuws voor u. Vandaag heeft de Here u gered van allen die tegen u in opstand waren gekomen.’ 32‘Hoe is het met mijn zoon Absalom? Is alles goed met hem?’ vroeg de koning dringend. En de man antwoordde: ‘Moge het met al uw vijanden zijn, zoals het met die jongeman is.’

33Toen werd de koning zeer bedroefd en hij liep naar zijn kamer boven de poort. Hij huilde: ‘Och mijn zoon Absalom, mijn zoon, mijn zoon Absalom. Had ik maar in jouw plaats kunnen sterven. Och Absalom, mijn zoon, mijn zoon.’