2 Samuel 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 11:1-27

Dawid Ne Batseba

1Osutɔberɛ a ɛdi soɔ no mu, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel akodɔm nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ. Wɔkɔtuaa kuropɔn Raba, na Dawid deɛ, ɔkaa Yerusalem.

2Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi sɛ ɔredware. Na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie, 3na Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa sɛ, “Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.” 4Na Dawid tuu abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no daeɛ. (Ɔdwiraa ne ho firii ne nsabuo mu no, na ɛnkyɛreɛ.) Afei, ɔsane kɔɔ efie. 5Ɛberɛ a Batseba hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.

6Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa Hetini Uria brɛ me.” 7Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so. 8Na ɔka kyerɛɛ Uria sɛ, “Kɔ efie na kɔhome.” Na mpo, Uria firii ahemfie hɔ no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no. 9Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano.

10Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ hɔ ɛnnora anadwo?”

11Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.”

12Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ. 13Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio.

Dawid Hyehyɛ Uria Wuo Ho

14Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.”

16Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim sɛ atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko. 17Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree.

18Na Yoab de ɔsa mu amaneɛ kɔbɔɔ Dawid. 19Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene. 20Nanso, ebia ne bo bɛfu, ama wabisa sɛ, ‘Adɛn enti na akodɔm no kɔbɛn kuro no pɛɛ saa? Na wɔnnim sɛ wɔbɛto agyan afiri afasuo no mu? 21Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no sɛ, wɔakum Hetini Uria nso.”

22Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka. 23Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano. 24Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.”

25Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.”

26Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no. 27Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.