2 Mose 32 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 32:1-35

Sika Nantwie Ba

1Mose kyɛree wɔ bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ntɛm, yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

2Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyiyi mo sika nsonkawa nyinaa mmra.” 3Wɔyiyii wɔn nsonkawa no maa Aaron—mmaa ne mmarima ne mmarimaa ne mmaayewa nyinaa. 4Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam sɛ, “Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.”

5Aaron hunuu sɛ nnipa no ani agye sika nantwie ba ohoni no ho no, ɔsii afɔrebukyia sii nantwie ba no anim kaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.” 6Wɔsɔree anɔpahema firii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ de maa nantwie ba ohoni no. Ɛno akyi, wɔtoo ɛpono kɛseɛ bi, didi nomee, goroo abosomgorɔ, yɛɛ ahuhudeɛ hodoɔ.

7Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ ntɛm na siane kɔ wo nkurɔfoɔ a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no nkyɛn, ɛfiri sɛ, wɔagu wɔn ho fi, 8na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka sɛ, ‘Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’ ”

9Awurade kaa sɛ, “Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi yɛ asoɔden na wɔsane yɛ adɔnyɛfoɔ fa. 10Enti afei, mede mʼabufuhyeɛ bɛtɔre wɔn ase na mama wo Mose mmom ayɛ ɔman kɛseɛ.”

11Nanso, Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyɛ saa. Ɔkɔɔ so sɛ, “Awurade, adɛn enti na wo bo afu atia wo ara wo nkurɔfoɔ a wonam anwanwakwan ne wo tumi so yii wɔn firii Misraim asase so yi? 12Wopɛ sɛ Misraimfoɔ no ka sɛ, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔ no so sɛdeɛ ɔbɛnya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afiri asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae adwene a woafa sɛ wode rebɛtia wo nkurɔfoɔ no. 13Kae ɛbɔ a wohyɛɛ wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɛsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefoɔ na wɔatena so afebɔɔ.’ ” 14Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

15Afei, Mose siane firii bepɔ no so baeɛ a ɔkura Mmaransɛm Edu no a wɔatwerɛ agu aboɔ apono mmienu akyi ne animu no. 16Onyankopɔn no ankasa na ɔtwerɛɛ mmaransɛm no wɔ apono no so.

17Ɛberɛ a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”

18Ɛnna Mose nso buaa no sɛ, “Ɛnnyɛ nkonimdie mu anigyeɛ anaa, nkoguo na mmom, ɛyɛ nnwontoɔ.”

19Wɔbɛduruu atenaeɛ hɔ, Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu wɔ bepɔ no ase. 20Ɔfaa nantwie ba no nanee no wɔ ogya mu na ɛdwoeɛ no, ɔyam no muhumuhu de guu nsuo mu maa nnipa no nomeeɛ.

21Afei, ɔbisaa Aaron sɛ, “Ɛdeɛn nko ara na nnipa no ka kyerɛɛ wo a enti ɛnam so maa wode saa bɔne kɛseɛ yi baa wɔn so?”

22Aaron buaa no sɛ, “Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi yɛ nnipa bɔne fa. 23Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.’ 24Enti, me nso mekaa sɛ, ‘Monyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkawa mma me.’ Wɔyiyi de maa me na mede guu ogya mu. Ɛne saa nantwie ba no.”

25Mose hunuu sɛ Aaron ama nnipa no adane adwamammɔfoɔ ama wɔn atamfoɔ anya wɔn no, 26ɔgyinaa wɔn atenaeɛ hɔ ɛpono no ano teaam sɛ, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifoɔ no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.

27Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade Israel Onyankopɔn se, ‘Momfa mo akofena nhyehyɛ mo ho na monni mo atenaeɛ hɔ akɔneaba, na monkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.’ ” 28Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no. 29Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ, “Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ sɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree.”

30Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.”

31Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. 32Enti, meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”

33Awurade buaa Mose sɛ, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afiri me nwoma mu. 34Enti afei, kɔ na di nkurɔfoɔ no anim kɔ beaeɛ a mekyerɛɛ woɔ no na mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfoɔ no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”

35Na ɛsiane sɛ nnipa no somm Aaron nantwie ba no enti, ɔtee yadeɛ guu wɔn so.