2 Mose 28 – ASCB & NIVUK

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 28:1-43

Asɔfotadeɛ

1“Yi wo nua Aaron ne ne mmammarima Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar na te wɔn ho na wɔnyɛ asɔfoɔ nsom me. 2Pam atadeɛ kronkron ma wo nua Aaron na ama animuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atadeɛ no na ɛnyɛ fɛ, sɛdeɛ ɛbɛma afata nʼadwuma no. 3Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me. 4Ntadeɛ ahodoɔ a wɔbɛpam no nie: adaaboɔ asɔfotadeɛ, asɔfotadeɛ, atadeɛ yuu, atadeɛ kɔnsini a ɛyɛ damedame, abɔtiten ne abɔwomu. Wɔbɛpam ntadeɛ kronkron bi nso de ama Aaron mmammarima no. 5Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwono na ɛbɛpam.

6“Ma ntomanwono mu adwumfoɔ papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no. 7Wɔbɛpam no asinasini mmienu a ɛyɛ animu ne akyire a wɔapam ne mmatire no so abɔ mu. 8Abɔwomu no bɛyɛ ntoma korɔ no ara bi. Ɛbɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan.

9“Fa apopobibirieboɔ mmienu na twerɛ Israelfoɔ mmusuakuo no din gu so. 10Aboɔdenboɔ biara, wɔntwerɛ edin nsia ngu so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bɛdidi so mpanin mu. 11Fa ɛkwan a aboɔdenboɔtwafoɔ si fa twa edin gu adwinneɛ so, na twerɛ edin ahodoɔ no sɛdeɛ Israel mma no din te, na fa sika ntotoano twa ho hyia. 12Fa aboɔdemmoɔ mmienu no sisi asɔfotadeɛ no mmati so na ɛnyɛ nkaedeɛ mma Israelfoɔ. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade. 13Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim mmienu. 14Na fa mmobareeɛ mmienu a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare mfomfamho a ɛwɔ asɔfotadeɛ no mmati so no mu.

15“Momma odwumfoɔ a nʼadwinnie yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmuo adaaboɔ no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan na mompam adaaboɔ no sɛdeɛ mode pam asɔfotadeɛ no. 16Montwa ntomasini no ahinanan na ɛfa biara nyɛ nsateakwaa nkron na mompam mfam so mma ɛnyɛ sɛ kotokuo. 17Momfa aboɔdemmoɔ nsasoɔ ɛnan mmobɔ mu. Nsasoɔ a ɛdi ɛkan no nyɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no nyɛ akarateboɔ na deɛ ɛtwa toɔ no nyɛ ɛboɔ a ɛte sɛ ahahammonoboɔ. 18Nsasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. 19Nsasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ. 20Nsasoɔ a ɛtɔ so nan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ. Sikakɔkɔɔ ntotoano ntwa ne nyinaa ho nhyia. 21Aboɔdemmoɔ no baako biara bɛgyina hɔ ama Israel mmusuakuo no baako. Na wɔbɛtwerɛ abusua ko no din agu so sɛ nsɔanodeɛ.

22“Ɛkwan a mobɛfa so de adaaboɔ no afam asɔfotadeɛ no mu nie: yɛ sikakɔkɔɔ mmobareeɛ, 23na yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu, na fa tare adaaboɔ no apampam twɛtwɛwa so; 24wɔde sikakɔkɔɔ mmobareeɛ mmienu no bɛhyehyɛ adaaboɔ no nkawa mmienu no mu. 25Nhoma mmienu no a aka no, kyekyere biara ti bɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. 26Yɛ sika nkawa mmienu na fa hyehyɛ adaaboɔ ntwea mmienu a ɛwɔ asɔfotadeɛ no nkyɛn mu. 27Sane yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu hyehyɛ asɔfotadeɛ no ntwea so wɔ fam ma ɛnka abɔwomu no. 28Fa bibire nhoma kyekyere adaaboɔ no ase na fa hyehyɛ nkawa a ɛwɔ asɔfotadeɛ no ase no mu. Yei remma adaaboɔ no mfiri asɔfotadeɛ no ho nte ntwontwɔn.

29“Aaron bɛfa saa ɛkwan yi so na ɔde Israel mmusuakuo no din a ɛwɔ adaaboɔ no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na yei na ɛbɛma Awurade akae Israelman ɛberɛ nyinaa mu. 30Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim28.30 Urim ne Tumim yɛ nneɛma bi a wɔnam so hunu Onyankopɔn apɛdeɛ. a aseɛ ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adaaboɔ a ɛda ne koko so no kotokuo mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛdeɛ de ma ne nkurɔfoɔ ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.

31“Wɔde ntoma tuntum na ɛbɛpam asɔfotadeɛ no 32a wɔagya ɛkwan bi a Aaron de ne tiri bɛwura mu. Ɛsɛ sɛ wɔtwa mfimfini tokuro ma ano no yɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. 33Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. 34Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba a ɛdi afrafra twa asɔfotadeɛ no mmuano ho hyia. 35Ɛberɛ biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotadeɛ yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na ɛdɔn no rewoso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwu.

36“Afei, boro sikakɔkɔɔ amapa ma ɛnyɛ trawa sɛ prɛte na twerɛ so sɛdeɛ wɔkurukyire nsɔanodeɛ so no sɛ:

Kronkron Ma Awurade.

37Wɔde ntoma tuntum bɛsɔ mu asensɛn Aaron abotire no anim. 38Aaron de saa adeɛ no bɛbɔ ne moma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfoɔ no bɔ afɔdeɛ biara na mfomsoɔ ba ho a, ɛho asodie bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.

39“Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwono Aaron atadeɛ kɔnsini no. Ma ɛnyɛ damedame na fa ntoma korɔ no ara bi pam abotire na nwono biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. 40Pam atadeɛ yuu ne abɔwomu ne abotire ma Aaron mmammarima na momfa obuo ne anidie mma wɔn. 41Saa ntadeɛ yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmammarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ ɔsom no mu, na momfa nte wɔn ho sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ me dea.

42“Mompam serekye ntadeɛ a ɛfiri wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntadeɛ no agu so. 43Ɛberɛ biara a Aaron ne ne mmammarima no rekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔrebukyia no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a, afɔbuo bɛba wɔn so ma wɔawuwu.

“Yei yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima.

New International Version – UK

Exodus 28:1-43

The priestly garments

1‘Let Aaron your brother be brought to you from among the Israelites, with his sons Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar, so that they may serve me as priests. 2Make sacred garments for your brother Aaron to give him dignity and honour. 3Tell all the skilled workers to whom I have given wisdom in such matters that they are to make garments for Aaron, for his consecration, so that he may serve me as priest. 4These are the garments they are to make: a breastpiece, an ephod, a robe, a woven tunic, a turban and a sash. They are to make these sacred garments for your brother Aaron and his sons, so that they may serve me as priests. 5Make them use gold, and blue, purple and scarlet yarn, and fine linen.

The ephod

6‘Make the ephod of gold, and of blue, purple and scarlet yarn, and of finely twisted linen – the work of skilled hands. 7It is to have two shoulder pieces attached to two of its corners, so that it can be fastened. 8Its skilfully woven waistband is to be like it – of one piece with the ephod and made with gold, and with blue, purple and scarlet yarn, and with finely twisted linen.

9‘Take two onyx stones and engrave on them the names of the sons of Israel 10in the order of their birth – six names on one stone and the remaining six on the other. 11Engrave the names of the sons of Israel on the two stones the way a gem cutter engraves a seal. Then mount the stones in gold filigree settings 12and fasten them on the shoulder pieces of the ephod as memorial stones for the sons of Israel. Aaron is to bear the names on his shoulders as a memorial before the Lord. 13Make gold filigree settings 14and two braided chains of pure gold, like a rope, and attach the chains to the settings.

The breastpiece

15‘Fashion a breastpiece for making decisions – the work of skilled hands. Make it like the ephod: of gold, and of blue, purple and scarlet yarn, and of finely twisted linen. 16It is to be square – a span28:16 That is, about 23 centimetres long and a span wide – and folded double. 17Then mount four rows of precious stones on it. The first row shall be carnelian, chrysolite and beryl; 18the second row shall be turquoise, lapis lazuli and emerald; 19the third row shall be jacinth, agate and amethyst; 20the fourth row shall be topaz, onyx and jasper.28:20 The precise identification of some of these precious stones is uncertain. Mount them in gold filigree settings. 21There are to be twelve stones, one for each of the names of the sons of Israel, each engraved like a seal with the name of one of the twelve tribes.

22‘For the breastpiece make braided chains of pure gold, like a rope. 23Make two gold rings for it and fasten them to two corners of the breastpiece. 24Fasten the two gold chains to the rings at the corners of the breastpiece, 25and the other ends of the chains to the two settings, attaching them to the shoulder pieces of the ephod at the front. 26Make two gold rings and attach them to the other two corners of the breastpiece on the inside edge next to the ephod. 27Make two more gold rings and attach them to the bottom of the shoulder pieces on the front of the ephod, close to the seam just above the waistband of the ephod. 28The rings of the breastpiece are to be tied to the rings of the ephod with blue cord, connecting it to the waistband, so that the breastpiece will not swing out from the ephod.

29‘Whenever Aaron enters the Holy Place, he will bear the names of the sons of Israel over his heart on the breastpiece of decision as a continuing memorial before the Lord. 30Also put the Urim and the Thummim in the breastpiece, so they may be over Aaron’s heart whenever he enters the presence of the Lord. Thus Aaron will always bear the means of making decisions for the Israelites over his heart before the Lord.

Other priestly garments

31‘Make the robe of the ephod entirely of blue cloth, 32with an opening for the head in its centre. There shall be a woven edge like a collar28:32 The meaning of the Hebrew for this word is uncertain. around this opening, so that it will not tear. 33Make pomegranates of blue, purple and scarlet yarn around the hem of the robe, with gold bells between them. 34The gold bells and the pomegranates are to alternate round the hem of the robe. 35Aaron must wear it when he ministers. The sound of the bells will be heard when he enters the Holy Place before the Lord and when he comes out, so that he will not die.

36‘Make a plate of pure gold and engrave on it as on a seal:

Holy to the Lord.

37Fasten a blue cord to it to attach it to the turban; it is to be on the front of the turban. 38It will be on Aaron’s forehead, and he will bear the guilt involved in the sacred gifts the Israelites consecrate, whatever their gifts may be. It will be on Aaron’s forehead continually so that they will be acceptable to the Lord.

39‘Weave the tunic of fine linen and make the turban of fine linen. The sash is to be the work of an embroiderer. 40Make tunics, sashes and caps for Aaron’s sons to give them dignity and honour. 41After you put these clothes on your brother Aaron and his sons, anoint and ordain them. Consecrate them so they may serve me as priests.

42‘Make linen undergarments as a covering for the body, reaching from the waist to the thigh. 43Aaron and his sons must wear them whenever they enter the tent of meeting or approach the altar to minister in the Holy Place, so that they will not incur guilt and die.

‘This is to be a lasting ordinance for Aaron and his descendants.