2 Mose 27 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 27:1-21

Ɔhyeɛ Afɔrebɔ Afɔrebukyia Ho Nhyehyɛeɛ

1“Fa okuo yɛ afɔrebukyia ma ɛnyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa. 2Yɛ mmɛn ɛnan tuatua afɔrebukyia no ntwea ɛnan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Okuo no a wode bɛyɛ afɔrebukyia no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. 3Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ. 4Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so. 5Fa otwidadeɛ no hyɛ nsramma kyɛnsee no mu na fa si afɔrebukyia no basa a wɔayɛ no so. 6Fa okuo sene nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔrebukyia no. 7Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkawa a mode atuatua afɔrebukyia no ho no mu. 8Ntaaboɔ na momfa nyɛ afɔrebukyia no. Momma emu nna ɛkwan sɛdeɛ mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so no.

9“Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu. 11Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.

12“Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu. 13Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara 14Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano. 15Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu.

16“Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu. 17Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu. 18Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu. 19Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ.

20“Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no. 21Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa.

New International Reader’s Version

Exodus 27:1-21

The Altar for Burnt Offerings

1“Build an altar out of acacia wood. It must be four feet six inches high and seven feet six inches square. 2Make a horn stick out from each of its upper four corners. The horns and the altar must be all one piece. Cover the altar with bronze. 3Make everything for the altar out of bronze. Make its pots to remove the ashes. Make its shovels, sprinkling bowls, meat forks, and pans for carrying ashes. 4Make a bronze grate for the altar. Make a bronze ring for each of the four corners of the grate. 5Put the grate halfway up the altar on the inside. 6Make poles out of acacia wood for the altar. Cover them with bronze. 7Put the poles through the rings. They will be on two sides of the altar for carrying it. 8Make the altar out of boards. Leave it hollow. It must look just like what I showed you on the mountain.

The Courtyard

9“Make a courtyard for the holy tent. The south side must be 150 feet long. It must have curtains that are made out of finely twisted linen. 10The curtains must be hung on 20 posts that have 20 bronze bases. The posts must have silver hooks and bands on them. 11The north side must also be about 150 feet long. It must have curtains with 20 posts that have 20 bronze bases. The posts must have silver hooks and bands on them.

12“The west end of the courtyard must be 75 feet wide. It must have curtains with ten posts that have ten bases. 13The east end of the courtyard, toward the sunrise, must also be 75 feet wide. 14On one side of the entrance you must put curtains that are 22 feet six inches long. Hang them on three posts. Each post must have a base. 15On the other side you must also put curtains that are 22 feet six inches long. Hang them on three posts. Each post must have a base.

16“For the entrance to the courtyard, provide a curtain 30 feet long. Make it out of blue, purple and bright red yarn and finely twisted linen. Have someone who sews skillfully make it. Hang it on four posts. Each post must have a base. 17All the posts that are around the courtyard must have silver bands and hooks. They must also have bronze bases. 18The courtyard must be 150 feet long and 75 feet wide. It must have curtains that are made out of finely twisted linen. They must be seven feet six inches high. The posts must have bronze bases. 19Make out of bronze all the other things used for any purpose in the holy tent. That includes all the tent stakes for the tent and the courtyard.

Oil for the Lampstand

20“Command the Israelites to bring you clear oil made from pressed olives. Use it to keep the lamps burning and giving light. 21Aaron and his sons must keep the lamps burning in the tent of meeting. The lamps will be outside the curtain in front of the tablets of the covenant law. The lamps must be kept burning in front of the Lord from evening until morning. This is a law for the Israelites that will last for all time to come.