2 Mose 23 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 23:1-33

Atɛntenenee Ho Mmara

1“Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu.

2“Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn. 3Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no.

4“Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no. 5Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no.

6“Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no. 7Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa.

8“Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.

9“Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no.

Homeda Ho Mmara

10“Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia. 11Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase.

12“Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome.

13“Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din.

Afe Mu Afahyɛ Mmiɛnsa Ho Mmara

14“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam.

15“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib23.15 Yudafoɔ bosome a ɛne asranna bosome Ɔbɛnem hyia. mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.

“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ.

16“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ23.16 Otwa Nnapa no ara na wɔfrɛ no Nnawɔtwe Afahyɛ ɛfiri sɛ, wɔhyɛ saa fa no Twam Afahyɛ akyi bosome no nnawɔtwe mmiɛnsa. Ɛne otwa no awieeɛ hyia. na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.

“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ23.16 Anoboa Afahyɛ no na ɛkyerɛ sɛ otwa no aba nʼawieeɛ. a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri.

17“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim.

18“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.

“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so.

19“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.

“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.

Onyankopɔn Banbɔ Ho Bɔhyɛ

20“Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. 21Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so. 22Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ. 23Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. 24Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu. 25Mo Awurade, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so. 26Apɔn anaa abonini remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.

27Awurade ho hu bɛka aman a mobɛdi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔadwane wɔ mo anim. 28Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ afiri mo anim. 29Merenyɛ yeinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annane ɛserɛ amma nkekaboa ammu amfa mo so. 30Mɛpam wɔn nkakrankakra kɔsi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.

31“Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim. 32Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. 33Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.”