2 Mose 12 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 12:1-51

Twam Afahyɛ Ahyɛaseɛ

1Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 2“Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome12.2 Na ɛyɛ Abib bosome, Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan wɔ Yudafoɔ asranna so. 3Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako. 4Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so. 5Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm. 6Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu. 7Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi. 8Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni. 9Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho. 10Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, sɛ adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no. 11Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.

12“Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene Awurade! 13Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi.

14“Yei yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ sɛ mohyɛ ɛfa no sɛ afahyɛ sononko ma Awurade. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ ɛda biara. 15Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu. 16Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara.

17“Sɛ modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ sɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so. 18Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni. 19Saa nnanson no mu, ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa wɔ mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka wɔ mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so nyinaa. 20Mesane meti mu bio sɛ, saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu.”

21Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. 22Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no. 23Awurade bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na sɛ ɔhunu sɛ mogya wɔ aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.

24“Na monkae sɛ yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefoɔ. 25Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. 26Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a, 27mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’ ” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ. 28Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so.

29Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa. 30Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.

31Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no. 32Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.”

33Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.” 34Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so. 35Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. 36Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ.

37Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho. 38Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho. 39Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so.

40Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa. 41Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so. 42Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda.

Twam Afahyɛ Ho Mmara

43Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni:

“Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi. 44Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi. 45Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi.

46“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu. 47Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu.

48“Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu. 49Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso.”

50Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. 51Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.