2 Berɛsosɛm 26 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 26:1-23

Usia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Yuda manfoɔ de Amasia babarima Usia a na wadi mfeɛ dunsia tenaa ahennwa so sɛ wɔn ɔhene foforɔ. 2Usia agya wuo akyi no, ɔsane kyekyeree Elot kuro no, na ɔdane maa Yuda. 3Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia. 4Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 5Sakaria berɛ so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri ɛkwan, ɛfiri sɛ, ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na ɛsiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Awurade akyiri kwan no enti, Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ.

6Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia. 7Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no. 8Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso.

9Usia26.9 Usia dii nkonim wɔ anafoɔ-apueeɛ ne anafoɔ-atɔeɛ fam. Israelhene oniɛdenfoɔ Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so. sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so. 10Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so.

11Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase. 12Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ. 13Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara. 14Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ. 15Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ.

Usia Bɔne Ne Nʼasotwe

16Nanso, ɔnyaa tumi kɛseɛ no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so maa ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyee nnuhwam wɔ afɔrebukyia no so. 17Ɔsɔfopanin Asaria ne Awurade asɔfoɔ foforɔ aduɔwɔtwe, akokoɔdurufoɔ kɔhwehwɛɛ no. 18Wɔka sii ɔhene Usia anim sɛ, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohye nnuhwam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfoɔ nko ara, Aaron mmammarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadie no nko ara adwuma. Firi kronkronbea ha kɔ, ɛfiri sɛ, woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo animuonyam wɔ yei ho.”

19Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20Ɛberɛ a Asaria ne asɔfoɔ a aka no hunuu kwata no, wɔpiapiaa no firii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, Awurade na wabɔ no. 21Enti, kwata yɛɛ ɔhene Usia kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Wɔpamoo no firii nnipa mu maa ɔno nko ara tenaeɛ a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfie hɔ ma ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. 22Amos babarima Yesaia atwerɛ Usia ahennie ho nsɛm nkaeɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ ato hɔ. 23Usia wuiɛ, na ɛsiane sɛ kwata yɛɛ no enti, wɔsiee no bɛn ahemfo amusieeɛ. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.