2 Berɛsosɛm 25 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 25:1-28

Amasia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem. 2Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu. 3Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no. 4Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti.

5Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu. 6Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie.

7Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no. 8Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”

9Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?”

Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.”

10Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie.

11Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu. 12Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa.

13Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree.

14Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn. 15Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?”

16Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.”

17Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.”

18Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 19Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”

20Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti. 21Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 22Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. 23Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano. 24Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom25.24 Obed Edom abusua no firi Lewifoɔ abusua mu a wɔde Asɔredan no mu adekoradan hyɛɛ wɔn nsa. (1 Be 26.15). hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria.

25Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum. 26Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu. 27Amasia danee ne ho firii Awurade akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ. 28Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.

New International Reader’s Version

2 Chronicles 25:1-28

Amaziah King of Judah

1Amaziah was 25 years old when he became king. He ruled in Jerusalem for 29 years. His mother’s name was Jehoaddan. She was from Jerusalem. 2Amaziah did what was right in the eyes of the Lord. But he didn’t do it with all his heart. 3The kingdom was firmly under his control. So he put to death the officials who had murdered his father, the king. 4But he didn’t put their children to death. He obeyed what is written in the Law, the Book of Moses. There the Lord commanded, “Parents must not be put to death because of what their children do. And children must not be put to death because of what their parents do. People must die because of their own sins.” (Deuteronomy 24:16)

5Amaziah called the people of Judah together. He arranged them by families under commanders of thousands and commanders of hundreds. He did it for all the people of Judah and Benjamin. Then he brought together the men who were 20 years old or more. He found out there were 300,000 men who were able to serve in the army. They could handle spears and shields. 6He also hired 100,000 fighting men from Israel. He had to pay them almost four tons of silver.

7But a man of God came to him. He said, “Your Majesty, these troops from Israel must not march out with you. The Lord is not with Israel. He isn’t with any of the people of Ephraim. 8Go and fight bravely in battle if you want to. But God will destroy you right in front of your enemies. God has the power to help you or destroy you.”

9Amaziah asked the man of God, “But what about all that silver I paid for these Israelite troops?”

The man of God replied, “The Lord can give you much more than that.”

10So Amaziah let the troops go who had come to him from Ephraim. He sent them home. They were very angry with Judah. They were still very angry when they went home.

11Then Amaziah showed how strong he was. He led his army to the Valley of Salt. There he killed 10,000 men of Seir. 12The army of Judah also captured 10,000 men alive. The army of Judah took them to the top of a cliff. Then they threw them down. All of them were smashed to pieces.

13The troops Amaziah had sent back attacked some towns that belonged to Judah. Amaziah hadn’t allowed the troops to take part in the war. They attacked towns from Samaria to Beth Horon. They killed 3,000 people. They carried off huge amounts of goods.

14Amaziah returned from killing the men of Edom. He brought back the statues of the gods of Seir. He set them up as his own gods. He bowed down to them. He burned sacrifices to them. 15The Lord was very angry with Amaziah. He sent a prophet to him. The prophet said, “Why do you ask the gods of those people for advice? They couldn’t even save their own people from your power!”

16While the prophet was still speaking, the king spoke to him. He said, “Did I ask you for advice? Stop! If you don’t, you will be struck down.”

So the prophet stopped. But then he said, “I know that God has decided to destroy you. That’s because you have worshiped other gods. You haven’t listened to my advice.”

17Amaziah, the king of Judah, spoke to his advisers. Then he sent a message to Jehoash, the king of Israel. Jehoash was the son of Jehoahaz. Jehoahaz was the son of Jehu. Amaziah dared Jehoash, “Come on! Let us face each other in battle!”

18But Jehoash, the king of Israel, answered Amaziah, the king of Judah. Jehoash said, “A thorn bush in Lebanon sent a message to a cedar tree there. The thorn bush said, ‘Give your daughter to be married to my son.’ Then a wild animal in Lebanon came along. It crushed the thorn bush by walking on it. 19You brag that you have won the battle over Edom. You are very proud. But stay home! Why ask for trouble? Why bring yourself crashing down? Why bring Judah down with you?”

20But Amaziah wouldn’t listen. That’s because God had planned to hand Judah over to Jehoash. After all, they had asked the gods of Edom for advice. 21So Jehoash, the king of Israel, attacked. He and Amaziah, the king of Judah, faced each other in battle. The battle took place at Beth Shemesh in Judah. 22Israel drove Judah away. Every man ran home. 23Jehoash king of Israel captured Amaziah king of Judah at Beth Shemesh. Amaziah was the son of Joash. Joash was the son of Ahaziah. Jehoash brought Amaziah to Jerusalem. Jehoash broke down part of its wall. It’s the part that went from the Ephraim Gate to the Corner Gate. That part of the wall was 600 feet long. 24Jehoash took all the gold and silver. He took all the objects he found in God’s temple. Obed-Edom had been in charge of them. Jehoash also took the palace treasures and the prisoners. Then he returned to Samaria.

25Amaziah king of Judah lived for 15 years after Jehoash king of Israel died. Amaziah was the son of Joash. Jehoash was the son of Jehoahaz. 26The other events of Amaziah’s rule from beginning to end are written down. They are written in the records of the kings of Judah and Israel. 27Amaziah turned away from obeying the Lord. From that time on, some people made evil plans against him in Jerusalem. So he ran away to Lachish. But they sent men after him to Lachish. There they killed him. 28His body was brought back on a horse to Jerusalem, the City of Judah. There he was buried in the family tomb.