2 Berɛsosɛm 23 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 23:1-21

Wɔsɔre Tia Atalia

1Atalia dii adeɛ mfeɛ nson no, ɔsɔfoɔ Yehoiada yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔsii ne bo ne asahene baanum, a wɔn ne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. 2Saa mmarima yi faa esum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda nkuro so sɛ, wɔmmra Yerusalem. 3Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam.

Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene. 4Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako na wɔbɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ. 5Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso bɛkɔ ahemfie, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no akɔ Fapem Ɛpono no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a aka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adihɔ ahodoɔ hɔ. 6Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyire. 7Mo Lewifoɔ na mobɛbɔ ɔhene ho ban, na mobɛkurakura mo akodeɛ. Sɛ obiara a ɔnni ho kwan wura Asɔredan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no pɛɛ.”

8Enti, Lewifoɔ no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma obiara ankɔ fie. 9Na Yehoiada de mpea ne akokyɛm a na ɛyɛ Ɔhene Dawid dea na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. 10Ɔde awɛmfoɔ no twaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔayɛ wɔn akodeɛ krado. Wɔgyinagyinaa saa so wɔ Asɔredan no anafoɔ fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ.

11Afei, Yehoiada ne ne mmammarima yii ɔhene babarima Yoas baeɛ, na wɔde ahenkyɛ no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nwoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”

Atalia Owuo

12Ɛberɛ a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfoɔ reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm korɔ a asi. 13Na ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntotorobɛnto. Nnwontofoɔ a wɔnam nnwontodeɛ so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfoɔ no anim ahokeka so. Ɛberɛ a Atalia hunuu yei no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”

14Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ akodɔm no so no sɛ, “Montwe no mfiri Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, monkum no. Nanso, monnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.” 15Enti, wɔtwee no de no kɔɔ ɛkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfie hɔ so, kumm no hɔ.

Yehoida Ɔsom Nhyehyɛeɛ Foforɔ

16Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfoɔ no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. 17Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kɔbubu guiɛ. Wɔsɛee afɔrebukyia no, dwerɛɛ ohoni no, kumm Baal ɔsɔfoɔ Matan wɔ afɔrebukyia no anim.

18Yehoiada nam ahyɛdeɛ a Dawid ka too hɔ so, de Lewifoɔ asɔfoɔ sisii Awurade Asɔredan no dwumadie ahodoɔ no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛ wɔn ho, sɛdeɛ Dawid ahyɛ no. 19Ɔde apono ano ahwɛfoɔ no sisii Awurade Asɔredan apono ano, sɛdeɛ wɔremma wɔn a wɔn ho nte no nkɔ mu.

20Afei, asahene, atitire, ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam ɛpono no ano, wuraa ahemfie hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehyeɛ ahennwa no so. 21Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa ɔman no mu, ɛfiri sɛ, na wɔakum Atalia.