2 Berɛsosɛm 19 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 19:1-11

Yehosafat Yi Atemmufoɔ

1Ɛberɛ a ɔhene Yehosafat duruu ne fie wɔ Yerusalem asomdwoeɛ mu no, 2Hanani babarima Yehu, ɔdehunumuni no kɔhyiaa no. Ɔbisaa ɔhene Yehosafat sɛ, “Adɛn enti na woboa amumuyɛfoɔ, na wodɔ wɔn a wɔkyiri Awurade? Deɛ woayɛ yi de Awurade abufuo aba wo so. 3Nanso, ade pa bi wɔ wo mu ɛfiri sɛ woatutu Asera afɔrebukyia a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”

4Na Yehosafat19.4 Ɔhene Yehosafat ankasa tutuu akwan kokɔɔ ahemman no nyinaa mu kɔkanyanee ɔsesɛ foforɔ wɔ anyamesom mu. tenaa Yerusalem. Nanso, ɔtuu kwan firii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔ asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ, wɔnsane nkɔ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn no nkyɛn. 5Ɔyiyii atemmufoɔ wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, 6hyɛɛ wɔn sɛ, “Atɛn biara a mobɛbu no ɛberɛ biara no, monnwene ho yie. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade ani. Ɔbɛka mo ho wɔ asɛm biara a ɛba mo anim a ɛsɛ sɛ mobu ho atɛn no. 7Monsuro Awurade, na mommu atɛntenenee, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, kyiri ntɛnkyea, animhwɛ ne kɛtɛasehyɛ.”

8Na Yehosafat yii Lewifoɔ, asɔfoɔ ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel no ma wɔsomm sɛ atemmufoɔ wɔ Yerusalem. Na wɔdi Awurade mmara mu nsɛm ne efie ntawantawa nsɛm nso. 9Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Daa, momfa Awurade nyamesuro, nokorɛdie ne adwene pa nyɛ mo adwuma. 10Ɛberɛ biara a asɛm bi a ɛfiri mo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkurotoɔ yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudie anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛdeɛ so buo no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo mma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.

11“Ɔsɔfopanin Amaria bɛyɛ mo panin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na ɔtua Yuda abusuakuo ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawantawasɛm nyinaa mu. Lewifoɔ no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntenenee. Momfa akokoɔduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade tenenee ho.”