2 Ahemfo 21 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 21:1-26

Manase Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. 3Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara pɛ. Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ. 4Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka sɛ wɔnhyɛ ne din animuonyam no. 5Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ. 6Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ hɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo.

7Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu. 8Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” 9Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo.

10Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ, 11“Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ21.11 Edin Amorifoɔ no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan ansa na Israelfoɔ redi wɔn so. a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu. 12Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn. 13Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no. 14Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ sɛ asadeɛ. 15Ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne kɛseɛ wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no.”

16Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.

17Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 18Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Amon Di Adeɛ Yuda

19Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. 20Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara pɛ. 21Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no. 22Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.

23Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie. 24Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.

25Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 26Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.