2 Ahemfo 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 2:1-25

Wɔfa Elia Kɔ Ɔsoro

1Ɛberɛ a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so. 2Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El.

3Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?”

Elisa buaa sɛ, “Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.”

4Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.”

Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko.

5Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?”

Ɔbuaa bio sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.”

6Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.”

Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ.

7Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ sɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho hɔ. 8Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ.

9Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?”

Na Elisa buaa sɛ, “Mesrɛ wo, ma mennya wo honhom tumi no mmɔho.”

10Elia kaa sɛ, “Woabisa adeɛ a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wohunu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisadeɛ no. Na sɛ amma saa deɛ a, wo nsa renka.”

11Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12Elisa hunuiɛ, teaam sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!” Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu.

13Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam sɛ, “Awurade, Elia Onyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu.

15Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no. 16Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.”

Elisa kaa sɛ, “Dabi, monnsoma wɔn.” 17Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia. 18Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”

Elisa Nsɛnkyerɛnneɛ A Ɛdi Ɛkan

19Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.”

20Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ.

21Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.” 22Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.

23Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho fɛ, seree no sɛ, “Tipa, foro kɔ ɛ! Tipa, foro kɔ ɛ!” 24Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu. 25Elisa firii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔ Karmel so, na ɔfirii hɔ kɔɔ Samaria.