1 Yohane 4 – ASCB & NUB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Yohane 4:1-21

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

1Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase. 2Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. 3Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.

4Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. 5Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ. 6Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.

Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ

7Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri sɛ, ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso. 8Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. 9Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. 12Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.

13Yei na ɛma yɛhunu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ sɛ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa. 15Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. 17Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri sɛ, yɛn abrabɔ wɔ ewiase ha no te sɛ Kristo deɛ pɛ. 18Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.

19Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane. 20Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no. 21Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.

Swedish Contemporary Bible

1 Johannesbrevet 4:1-21

Lär er avslöja falska budskap

1Mina kära, tro inte alla andar utan pröva dem, om de kommer från Gud, för många falska profeter har gått ut över världen. 2Så här kan ni avgöra om det är Guds Ande: varje ande som erkänner att Jesus Kristus har blivit en verklig människa är från Gud.4:2 Johannes gick emot den gnostiska läran, som påstod att den andliga och den materiella världen är separerade. Enligt dem dog inte Jesus ande på korset, eftersom kroppen och anden var separerade. 3Men den som inte erkänner Jesus är inte från Gud. Han är från antikrist4:3 Se not till 2:18., som ni vet ska komma och som redan finns i världen.

4Mina barn, ni är från Gud och har segrat över dem. Han som finns i er är ju större än den som finns i världen. 5De är från världen och talar på världens vis, och därför lyssnar världen på dem. 6Men vi är från Gud. Och den som känner Gud lyssnar på oss, medan den som inte tillhör Gud inte lyssnar på oss. Genom detta kan vi känna igen sanningens Ande och villfarelsens ande.

Kärleken kommer från Gud

7Mina kära, låt oss älska varandra, för kärleken kommer från Gud. Den som älskar är född av Gud och känner Gud. 8Men den som inte älskar känner inte Gud, för Gud är kärlek.

9Så uppenbarades Guds kärlek bland oss: han sände sin ende Son till världen för att vi skulle få liv genom honom. 10Detta är kärleken, inte att vi älskade Gud utan att han älskade oss och sände sin son som försoningsoffer för våra synder.

11Mina kära, eftersom Gud älskade oss så mycket, måste också vi älska varandra. 12Ingen har någonsin sett Gud. Men om vi älskar varandra, förblir Gud i oss, och hans kärlek är fullkomnad i oss. 13Han har gett oss sin Ande. Därför vet vi att vi förblir i honom och han i oss. 14Vi har själva sett och kan vittna om att Fadern sände sin Son för att rädda världen. 15Om någon bekänner att Jesus är Guds Son, förblir Gud i honom och han i Gud. 16Vi har lärt känna Guds kärlek gentemot oss, och vi tror på hans kärlek.

Gud är kärlek, och den som förblir i denna kärlek förblir i Gud och Gud i honom. 17I detta har kärleken fullkomnats hos oss, att vi får vara frimodiga på domens dag, för så som han är, så är också vi här i världen. 18Det finns ingen rädsla i kärleken, utan den fullkomliga kärleken driver bort rädslan. Rädsla hör nämligen ihop med straff, och den som fortfarande är rädd har inte blivit fullkomlig i kärleken.

19Vi älskar därför att han först älskade oss. 20Om någon säger: ”Jag älskar Gud”, men hatar sin bror, då ljuger han. För om någon inte älskar sin bror som han har sett, hur kan han då älska Gud, som han aldrig har sett? 21Det bud har vi fått av honom är att den som älskar honom också måste älska sin bror.