1 Yohane 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Yohane 2:1-29

Kristo, Yɛn Boafoɔ

1Me mma, meretwerɛ yei abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔteneneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. 2Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.

3Sɛ yɛdi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnim no. 4Sɛ obi ka sɛ, “Menim no”, nanso ɔnni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofoɔ a nokorɛ nni ne mu. 5Na obiara a ɔtie nʼAsɛm no yɛ obi a nokorɛm, ne dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛ yɛ. Yei na ɛma yɛgye to mu sɛ yɛte ne mu. 6Na sɛ yɛte ne mu deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛdi Yesu Kristo anammɔn akyi.

Mmara Foforɔ

7Anuanom, saa mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforɔ. Ɛyɛ mmara dada a moate firi ahyɛaseɛ pɛɛ no. Mmara dada no yɛ adeɛ a moate ho asɛm dada. 8Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na emu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.

9Obiara a ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtane ne nua no wɔ sum mu bɛsi saa dɔnhwereɛ yi mu. 10Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforɔ ayɛ bɔne. 11Nanso, obiara a ɔtane ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a ɔnnim faako a ɔrekɔ, ɛfiri sɛ, esum no afira nʼani.

12Me mma, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

13Agyanom, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no.

Mmabunu, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so.

14Mma, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim Agya no.

Agyanom, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no.

Mmabunu, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden,

na Onyankopɔn asɛm no te mo mu,

na moadi ɔbonsam so.

15Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase. 17Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa.

Kristo Atamfoɔ

18Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn. 19Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno enti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhunu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.

20Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no. 21Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma. 22Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.

24Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa. 25Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no.

26Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. 27Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.

28Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.

29Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Yohane 2:1-29

Kristo, Yɛn Boafo

1Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. 2Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.

3Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no. 4Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu. 5Na sɛ obi tie nʼasɛm a, na nokware dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛyɛ wɔ ne mu. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛte ne mu. 6Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi.

Mmara Foforo

7Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw. 8Nanso mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na mu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Sum no retwa mu na hann papa no gu so rehyerɛn.

9Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu. 10Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne. 11Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ, efisɛ sum no afura nʼani.

12Me mma, merekyerɛw mo,

efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

13Agyanom, merekyerɛw mo,

efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.

Mmabun, merekyerɛw mo,

efisɛ moadi ɔbonsam so.

14Mma, merekyerɛw mo,

efisɛ munim Agya no.

Agyanom, merekyerɛw mo,

efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no.

Mmabun, merekyerɛw mo,

efisɛ mowɔ ahoɔden.

Onyankopɔn asɛm no te mo mu

na moadi ɔbonsam so.

15Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. 16Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase. 17Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.

Kristo Atamfo

18Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn. 19Nokware, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ, sɛnea wubehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.

20Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no. 21Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma. 22Afei hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. 23Obiara nni hɔ a ɔpo Ɔba no na ɔwɔ Agya no; nea ogye Ɔba no to mu biara wɔ Agya no nso.

24Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa. 25Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no.

26Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. 27Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.

28Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no.

29Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.