1 Timoteo 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 2:1-15

Mpaeɛbɔ Ho Akwankyerɛ

1Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; 2monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. 3Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a 4ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani. 5Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no. 6Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa ɛberɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa. 7Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ!

8Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa de akoma a emu teɛ bɛma wɔn nsa so, na wɔabɔ mpaeɛ. 9Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho. 10Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi sɛ mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.

11Ɛsɛ sɛ mmaa de kommyɛ ne ahobrɛaseɛ sua adeɛ. 12Memma mmaa ho ɛkwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔnnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. 13Ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. 14Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbaa no na wɔdaadaa no ma ɛnam so maa ɔbuu Onyankopɔn mmara so. 15Na sɛ ɔbaa tena ase gyidie, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛaseɛ mu a ɔbɛwo asomdwoeɛ mu.