1 Timoteo 1 – ASCB & KJV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 1:1-20

Nkyea

1Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me.

2Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu:

Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.

Mompo Atorɔ Akyerɛkyerɛfoɔ

3Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae. 4Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no. 5Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu. 6Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu. 7Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu.

8Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ. 9Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ, 10afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.

12Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ. 14Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no.

15Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa. 16Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

18Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ, 19na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie. 20Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.

King James Version

1 Timothy 1:1-20

1Paul, an apostle of Jesus Christ by the commandment of God our Saviour, and Lord Jesus Christ, which is our hope; 2Unto Timothy, my own son in the faith: Grace, mercy, and peace, from God our Father and Jesus Christ our Lord.

3As I besought thee to abide still at Ephesus, when I went into Macedonia, that thou mightest charge some that they teach no other doctrine, 4Neither give heed to fables and endless genealogies, which minister questions, rather than godly edifying which is in faith: so do. 5Now the end of the commandment is charity out of a pure heart, and of a good conscience, and of faith unfeigned: 6From which some having swerved have turned aside unto vain jangling; 7Desiring to be teachers of the law; understanding neither what they say, nor whereof they affirm. 8But we know that the law is good, if a man use it lawfully; 9Knowing this, that the law is not made for a righteous man, but for the lawless and disobedient, for the ungodly and for sinners, for unholy and profane, for murderers of fathers and murderers of mothers, for manslayers, 10For whoremongers, for them that defile themselves with mankind, for menstealers, for liars, for perjured persons, and if there be any other thing that is contrary to sound doctrine; 11According to the glorious gospel of the blessed God, which was committed to my trust. 12And I thank Christ Jesus our Lord, who hath enabled me, for that he counted me faithful, putting me into the ministry; 13Who was before a blasphemer, and a persecutor, and injurious: but I obtained mercy, because I did it ignorantly in unbelief. 14And the grace of our Lord was exceeding abundant with faith and love which is in Christ Jesus. 15This is a faithful saying, and worthy of all acceptation, that Christ Jesus came into the world to save sinners; of whom I am chief. 16Howbeit for this cause I obtained mercy, that in me first Jesus Christ might shew forth all longsuffering, for a pattern to them which should hereafter believe on him to life everlasting. 17Now unto the King eternal, immortal, invisible, the only wise God, be honour and glory for ever and ever. Amen. 18This charge I commit unto thee, son Timothy, according to the prophecies which went before on thee, that thou by them mightest war a good warfare; 19Holding faith, and a good conscience; which some having put away concerning faith have made shipwreck: 20Of whom is Hymenaeus and Alexander; whom I have delivered unto Satan, that they may learn not to blaspheme.