1 Tesalonikafoɔ 5 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafoɔ 5:1-28

Monsiesie Mo Ho Mma Awurade Mmaeɛ

1Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi. 2Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo. 3Ɛberɛ a nnipa bɛka sɛ, “biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.

4Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ. 5Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. 6Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 7Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã. 8Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ. 9Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu. 10Kristo wu maa yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛanyane anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. 11Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.

Afotuo Ne Nkyea

12Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne anidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13Esiane adwuma a wɔyɛ no enti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu. 14Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.

16Momma mo ani nnye da biara 17na ɛberɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ; 18biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.

19Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20monnsi adiyisɛm atwetwe. 21Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ. 22Na monkyiri bɔne biara.

23Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

25Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.

26Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.

27Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.

28Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

Knijga O Kristu

1 Solunjanima 5:1-28

1A kada će se sve to dogoditi, ne trebam vam pisati 2jer i sami dobro znate da će Dan Gospodnji doći neočekivano, kao tat u noći. 3Dok ljudi još budu govorili: “Sve je mirno i sigurno”, snaći će ih iznenada propast kao trudnicu trudovi. I neće umaknuti.

4Ali vi, braćo draga, niste u tami da bi vas Dan Gospodnji zaskočio kao tat. 5Djeca ste svjetla i dana; ne pripadate tami i noći. 6Ne spavajmo zato kao ostali, već bdijmo i budimo trijezni. 7Spava se i opija noću. 8Ali budimo trijezni, mi koji pripadamo danu. Obucimo oklop vjere i ljubavi, stavimo kacigu—nadu spasenja. 9Jer Bog nam nije namijenio svoj gnjev, nego spasenje po našemu Gospodinu Isusu Kristu, 10koji je umro za nas da možemo zauvijek živjeti s njime, zatekao nas njegov dolazak žive ili umrle. 11Tješite se zato međusobno i izgrađujte jedni druge, kao što već i činite.

Završne upute

12Molimo vas, draga braćo, da poštujete svoje starješine u djelu Gospodnjem. Oni naporno rade među vama i opominju vas. 13Cijenite ih i volite zbog njihova rada. Živite u miru jedni s drugima!

14Potičemo vas, braćo: opominjite lijene, hrabrite malodušne, pomažite slabima, budite strpljivi prema svima!

15Pazite da tko kome ne uzvrati zlo za zlo, nego se uvijek trudite činiti dobro svima.

16Uvijek se radujte!

17Molite se bez prestanka!

18Zahvaljujte Bogu ma što vas snašlo jer je to za vas Božja volja u Kristu Isusu.

19Ne trnite Svetoga Duha.

20Ne prezrite proroštva, 21nego sve provjeravajte i prihvatite što je dobro. 22Klonite se svakoga zla.

Posljednji pozdravi

23Neka vas sam Bog, izvor mira, potpuno posveti i neka cijelo vaše biće—duh, dušu i tijelo—očuva besprijekornima za dolazak našega Gospodina Isusa Krista. 24Vjeran je Bog koji vas je pozvao. On će to i učiniti.

25Draga braćo i sestre, molite se za nas.

26Pozdravite svu braću svetim cjelovom.

27Zaklinjem vas u Gospodinu: pročitajte ovu poslanicu svoj braći.

28Neka je milost našega Gospodina Isusa Krista sa svima vama.