1 Tesalonikafoɔ 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafoɔ 1:1-10

1Nwoma yi firi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no:

Adom ne asomdwoeɛ nka mo.

Aseda

2Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaeɛbɔ mu nso. 3Ɛfiri sɛ, yɛkae mo gyidie a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma motumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidasoɔ denden a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Onyankopɔn ne Agya no anim.

4Anuanom, yɛnim sɛ Onyankopɔn dɔ mo enti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne deɛ no. 5Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom, yɛgyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokorɛ mu gyidie so. Monim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛdeɛ yɛboaa mo. 6Mosuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ mohunuu amane deɛ, nanso mode anigyeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. 7Ɛnam so maa mobɛyɛɛ nhwɛsoɔ maa agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa. 8Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidie a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm aduru baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. 9Obiara kamfo sɛdeɛ mogyee yɛn ne sɛdeɛ motwee mo ho firii abosom ho kɔsom nokorɛ Onyankopɔn a ɔte ase daa no, 10na motwɛn ne Ba a ɔfiri ɔsoro no; Yesu a ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɔgye yɛn firi Onyankopɔn abufuo a ɛreba no mu no.