1 Samuel 9 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 9:1-27

Samuel Hyia Saulo

1Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu. 2Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so.

3Ɛda bi Kis mfunumu yeraeɛ, na ɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Fa asomfoɔ no mu baako, na wone no nkɔhwehwɛ mfunumu no.” 4Enti, Saulo faa asomfoɔ no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔ asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhunu mfunumu no baabiara.

5Na wɔduruu Suf mansini mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔka ne ho no sɛ, “Bra, ma yɛnsane nkɔ baabi a yɛfiri baeɛ, na ebia, mʼagya agyae mfunumu no ho dwene, ɛredwene yɛn ho mmom.”

6Nanso, ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Manya adwene bi, Onyame onipa bi te kuro yi mu a wɔbu no yie. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ seesei ara, ebia ɔbɛtumi akyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛfa.”

7Saulo buaa no sɛ, “Yɛnni hwee a yɛbɛtumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuane mpo asa, yɛnni biribiara a yɛde bɛma no.”

8Ɔsomfoɔ no buaa no bio sɛ, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram mmiɛnsa. Yɛbɛtumi de ama no, na yɛahwɛ deɛ ɛbɛsie.” 9(Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.)

10Saulo penee so ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti, wɔsii mu kɔɔ kuro a Onyame onipa wɔ mu no so.

11Wɔreforo bepɔ bi akɔ kuro no mu no, wɔhyiaa mmabaawa bi a wɔrekɔsa nsuo. Enti, Saulo ne ne ɔsomfoɔ no bisaa wɔn sɛ “Ademuhununi no wɔ ha ɛnnɛ?”

12Wɔbuaa sɛ, “Aane. Momfa ɛkwan yi so tee, na mobɛhunu sɛ ɔte kuro no apono ano hɔ. Ɔrebɛduru ha ara nie, na ɔno nso rebɛbɔ ɔmanfoɔ afɔdeɛ no bi wɔ bepɔ no so hɔ. 13Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔ no so akɔdidi. Nnipa no mfiri aseɛ nnidi kɔsi sɛ ɔbɛhyira aduane no so.”

14Enti, wɔkɔɔ kuro no mu. Na wɔrewura apono no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔ no. 15Na Awurade aka akyerɛ Samuel, ɛda a atwam no sɛ, 16“Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma obi afiri Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ kannifoɔ. Ɔbɛgye wɔn afiri Filistifoɔ nsam. Mede ahummɔborɔ ahwɛ me nkurɔfoɔ, na mate wɔn sufrɛ.”

17Ɛberɛ a Samuel hunuu Saulo ara pɛ, Awurade kaa sɛ, “Yei ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na ɔbɛdi me nkurɔfoɔ so no.”

18Ɛhɔ ara, Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpono no ano kɔbisaa no sɛ, “Wobɛtumi akyerɛ me baabi a ademuhununi no fie wɔ anaa?”

19Samuel buaa sɛ, “Mene adehunumuni no. Di mʼanim ɛkan wɔ bepɔ no so, kɔ baabi a wɔbɔ afɔdeɛ hɔ, na yɛn nyinaa bɛdidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo deɛ wopɛ sɛ wohunu, na magya wo ɛkwan. 20Na mfunumu a wɔyeraeɛ nnansa ne ɛnnɛ no, mma wɔn ho asɛm nha wo koraa, ɛfiri sɛ, wɔahunu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Israel anidasoɔ nyinaa yɛ wo ne wo fiefoɔ.”

21Saulo buaa sɛ, “Mefiri Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuo no mu. Na me fie nso yɛ ketewa koraa wɔ Benyamin mmusua no nyinaa mu. Na adɛn enti na woka yei kyerɛ me?”

22Enti, Samuel de Saulo ne ne ɔsomfoɔ no baa asa so hɔ. Ɔmaa wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ɛpono ti, de hyɛɛ wɔn animuonyam wɔ nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ aduasa no anim. 23Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ, “Fa ɛnam sini a mede maa wo no bra, deɛ wɔde asie ama deɛ wɔrehyɛ no animuonyam no.”

24Enti, osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kaa sɛ, “Di deɛ wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforɔ yi.” Enti Saulo ne Samuel didiiɛ.

25Apontoɔ no akyi a wɔsane baa kuro no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kɔsiesie daberɛ maa no. 26Adeɛ kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no sɛ, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa ɛberɛ yi wonam ɛkwan so.” Enti, Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu firii efie hɔ. 27Wɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne ɔsomfoɔ no nni wɔn ɛkan. Ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Samuel kaa sɛ, “Tena ha, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 9:1-27

Samuel Hyia Saulo

1Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu. 2Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so.

3Da bi Kis mfurum yerae, na ɔka kyerɛɛ Saulo se, “Fa asomfo no mu baako, na wo ne no nkɔhwehwɛ mfurum no.” 4Enti Saulo faa asomfo no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔw asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhu mfurum no baabiara.

5Na woduu Suf mansin mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfo a ɔka ne ho no se, “Bra, ma yɛnsan nkɔ faako a yefi bae, na ebia, mʼagya agyae mfurum no ho dwene, ɔredwen yɛn ho mmom.”

6Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.”

7Saulo buaa no se, “Yenni hwee a yebetumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuan mpo asa, yenni biribiara a yɛde bɛma no.”

8Ɔsomfo no buaa no bio se, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram abiɛsa. Yebetumi de ama no, na yɛahwɛ nea ebesi.” 9(Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.)

10Saulo penee so ka kyerɛɛ ne somfo no se, “Eye, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti wosii mu kɔɔ kurow a Onyame nipa wɔ mu no so.

11Wɔreforo bepɔw bi akɔ kurow no mu no, wohyiaa mmabaa bi a wɔrekɔsaw nsu, na Saulo ne ne somfo no bisaa wɔn se, “Adehuni no wɔ ha nnɛ?”

12Wobuae se, “Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho, nnɛ ara a waba yɛn kurow yi mu efisɛ ɔmanfo rebɛbɔ afɔre wɔ bepɔw no so hɔ. 13Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔw no so akodidi. Nnipa no mfi ase nnidi kosi sɛ obehyira aduan no so.”

14Enti wɔkɔɔ kurow no mu. Na wɔrewura apon no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔw no. 15Na Awurade aka akyerɛ Samuel da a atwa mu no se, 16“Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma obi afi Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfo Israelfo kannifo. Obegye wɔn afi Filistifo nsam. Mede ahummɔbɔ ahwɛ me nkurɔfo, na mate wɔn sufrɛ.”

17Bere a Samuel huu Saulo ara pɛ, Awurade kae se, “Oyi ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na obedi me nkurɔfo so no.”

18Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpon no ano kobisaa no se, “Wubetumi akyerɛ me baabi a ɔdehufo no fi wɔ ana?”

19Samuel buae se, “Mene ɔdehufo no. Di mʼanim kan wɔ bepɔw no so, kɔ faako a wɔbɔ afɔre hɔ, na yɛn nyinaa bedidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wuhu, na magya wo kwan. 20Na mfurum a wɔyeraa nnɛnnansa no, mma wɔn ho asɛm nhaw wo koraa, efisɛ wɔahu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo se, Israel anidaso nyinaa yɛ wo ne wo fifo.”

21Saulo buae se, “So mimfi Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuw no mu. Na me fi nso nyɛ ketewa koraa wɔ Benyamin afi no nyinaa mu. Na adɛn nti na woka eyi kyerɛ me?”

22Enti Samuel de Saulo ne ne somfo no baa asa so hɔ. Ɔma wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no pon ti, de hyɛɛ wɔn anuonyam wɔ nnipa dodow bɛyɛ sɛ aduasa no anim. 23Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no se, “Fa nam sin a mede maa wo no bra, nea wɔde asie ama nea wɔrehyɛ no anuonyam no.”

24Enti osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kae se, “Di nea wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforo yi.” Enti Saulo ne Samuel didii.

25Aponto no akyi a wɔsan baa kurow no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kosiesie nnabea maa no. 26Ade kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no se, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi wonam kwan so.” Enti Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu fii fie hɔ. 27Woduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne somfo no nni wɔn kan. Ɔsomfo no kɔe no, Samuel kae se, “Tena ha, efisɛ Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”