1 Samuel 5 – ASCB & OL

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 5:1-12

Apam Adaka No Wɔ Filistia

1Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu. 2Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon5.2 Dagon yɛ Filistifoɔ nyame kɛseɛ (ɛho nsɛm wɔ Ate 6.23). abosonnan mu. Wɔde kɔsii ohoni Dagon nkyɛn. 3Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio. 4Nanso, adeɛ kyee anɔpa no, na asɛm korɔ no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Saa ɛberɛ yi deɛ, na ne ti ne ne nsa abubu afiri so deda ɛpono ano. Ne kuntunsini na na aka da hɔ a ammubu. 5Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Dagon asɔfoɔ anaa obiara a ɔbɛwura abosonnan mu hɔ no ntia aponnwa no so no.

6Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no. 7Ɛberɛ Asdodfoɔ hunuu asɛm a aba no, wɔkaa sɛ, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Ɔtia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” 8Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?”

Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa sɛ, “Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

9Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie. 10Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfoɔ no suu sɛ, “Wɔde Israel Onyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abɛkunkum yɛn nso.” 11Enti, nnipa frɛɛ sodifoɔ no bio, srɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri ha nkɔ ne ɔman mu, anyɛ saa a, ɛbɛkunkum yɛn nyinaa.” Saa ɛberɛ no na ɔyaredɔm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ahyɛ aseɛ dada ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. 12Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.

O Livro

1 Samuel 5:1-12

A arca em Asdode e em Ecrom

1-2Os filisteus levaram pois a arca de Deus do campo de batalha em Ebenezer para o templo do seu ídolo Dagom na cidade de Asdode. 3Mas no dia seguinte, quando os cidadãos daquela localidade vieram vê-la logo pela manhã, verificaram que Dagom tinha caído com o rosto virado para o chão perante a arca de Senhor e levantaram-no. 4Contudo, na manhã seguinte aconteceu a mesma coisa. O ídolo tinha caído novamente sobre o seu rosto perante a arca do Senhor. Só que desta vez tinha a cabeça e as mãos separadas do resto do corpo, caídas no limiar da porta da entrada. Somente o tronco tinha ficado intacto. 5É por isso que até ao dia de hoje nem os sacerdotes nem os adoradores de Dagom em Asdode, quando entram no seu templo, pisam o limiar da entrada.

6Então o Senhor começou a castigar duramente o povo de Asdode e das localidades circunvizinhas, por meio de uma praga de tumores. 7Quando o povo se deu conta do que estava a acontecer, exclamou: “Não podemos conservar aqui mais tempo a arca do Deus de Israel, porque a mão de Deus está a pesar duramente sobre todos nós assim como sobre o nosso deus Dagom!”

8E foram convocados os governadores das cinco cidades dos filisteus para uma conferência para decidirem o que fazer da arca. Resolveram então levá-la para Gate. 9Quando a arca lá chegou, o Senhor começou a castigar o povo dali, tanto novos como velhos, com uma praga de tumores, gerando-se um enorme pânico coletivo. 10Enviaram pois a arca a Ecrom. Mas também o povo daquele lugar, quando a viu chegar, clamou: “Estão a trazer a arca do Deus de Israel para aqui para nos matarem!” 11Por isso, convocaram novamente os governadores e foi-lhes pedido que mandassem a arca do Deus de Israel de volta para o seu país, se não toda a povoação acabaria por morrer. Porque já a praga tinha começado e se espalhava um grande terror por toda a cidade. 12Os que não tinham morrido estavam às portas da morte, gravemente doentes, e havia choro por toda a parte.