1 Samuel 3 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 3:1-21

Awurade Frɛ Samuel

1Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.

2Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa. 3Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!”

Samuel buaa sɛ, “Menie.” 5Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”

Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ.

6Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!”

Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”

Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”

7Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.

8Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”

Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. 9Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so na ka sɛ, ‘Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti, Samuel kɔdaa bio.

10Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio sɛ, “Samuel! Samuel!”

Na Samuel buaa sɛ, “Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.”

11Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi wɔ Israel. 12Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa. 13Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri sɛ, ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14Na maka ntam sɛ, Eli ne ne mmammarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”

Samuel Kasa Ma Awurade

15Samuel daa hɔ ara kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan hɔ mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. 16Nanso, Eli frɛɛ no sɛ, “Samuel, me ba.”

Samuel buaa sɛ, “Menie!”

17Eli bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” 18Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.”

19Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ. 21Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel wɔ ntomadan mu hɔ.

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 3:1-21

3

主に呼ばれたサムエル

1少年サムエルは、エリのもとで主に仕えていました。そのころ、主のことばが人に臨むことはまれでした。

2-3ある夜、年老いて目がかすんだエリが寝床に入り、サムエルも契約の箱を安置した宮で寝ていました。 4-5すると主が、「サムエル、サムエル」と呼びました。サムエルは、「はい。ここにいます」と答えて、「どうしたのだろう」と思って飛び起きると、エリのもとへ走って行き、「サムエルです。何かご用ですか」と尋ねました。エリはけげんな顔で、「呼んだりしていないよ。さあ、戻ってお休み」と答えました。そのとおりにすると、 6主がまたも、「サムエル」と呼んだのです。サムエルはまた飛び起きて、エリのもとへ駆けつけました。「はい。何かご用でしょうか。」「いいや、呼んだりしていないよ。いいから、帰ってお休み。」

7サムエルはまだ、主からおことばを頂いたことがなかったのです。 8ですから三度目に呼ばれた時も、またエリのもとへ駆けつけました。「はい。ご用でしょうか。」この時エリは、主が少年に語ったのだということを悟りました。 9そこで、彼はサムエルに言い聞かせました。「さあ、もう一度帰ってお休み。今度呼ばれたら、『はい、主よ。しもべは聞いております』と申し上げるのだよ。」サムエルは寝床に引き返しました。

10すると主が来られて、さっきのように、「サムエル、サムエル」と呼びました。そこでサムエルは、「はい。しもべは聞いております」と申し上げました。 11主はサムエルに告げました。「わたしは、イスラエルに衝撃的なことを行うつもりだ。 12エリに言っておいた恐ろしいことが全部、現実となるだろう。 13エリの家は永遠にさばかれると警告しておいた。それは、神を冒瀆する息子たちの行為を、エリは手をこまぬいて見ていたことの報いである。 14わたしは誓う。エリと息子の罪は、いけにえやささげ物をいくら積もうと、決して赦されない。」

15サムエルは朝まで寝床につき、それから、いつものように宮の扉を開けました。サムエルは、主のお告げをエリに話したものか、恐れためらいましたが、 16-17エリのほうがサムエルを呼んだのです。「サムエルよ。主は何とお告げになったのだ。包み隠さず話しておくれ。小指の先ほどでも隠してはいけないよ。そんなことをしたら、神様がきつく罰してくださるように。」

18サムエルは、告げられたとおりを残さずエリに打ち明けました。「それは主の御心だよ。どうか、主が最善と思われることがなるように」と、エリは答えました。

19サムエルは成長し、主が常に彼とともにおられました。人々は、サムエルのことばに真剣に耳を傾けました。 20こうして、北はダンから南はベエル・シェバに至るイスラエル全土に、サムエルが預言者になったことが知れ渡ったのです。 21それから主は、再びシロの宮でサムエルに声をかけました。サムエルは主のことばを、イスラエルのすべての民に伝えました。