1 Samuel 21 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 21:1-15

Dawid Dwane Saulo

1Dawid kɔɔ Nob ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ Ahimelek hunuu no no, ne ho popoeɛ. Ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na aka wo nko? Adɛn enti na obi nka wo ho?”

2Dawid buaa ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, mennka deɛ enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ baabi a me mmarima nhyia me akyire yi. 3Afei, ɛdeɛn na ɛwɔ hɔ a mɛnya adi? Ma me burodo mua enum anaa biribiara a wowɔ.”

4Na ɔsɔfoɔ no buaa Dawid sɛ, “Menni burodo teta yi bi wɔ ha. Burodo kronkron deɛ, ebi wɔ ha, nanso mede bɛma wo a, gye sɛ mmarima no ne mmaa bi nnaa nnansa yi.”

5Dawid buaa sɛ, “Mma hwee nha wo. Sɛ me mmarima no kɔdi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmaa. Na sɛ wɔtena ase kronn wɔ akwantuo teta mu a, adɛn enti na saa dwumadie a ɛho hia yie yi, wɔntumi ntena kronnyɛ mu.” 6Na ɛsiane sɛ aduane foforɔ biara nni hɔ no enti, ɔsɔfoɔ no de burodo kronkron a wɔde burodohyew asi ananmu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.

7Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafoɔ panin no kɔdwiraa ne ho wɔ Awurade anim saa ɛda no.

8Dawid bisaa Ahimelek sɛ, “Wowɔ pea anaa akofena? Ɔhene adwuma no ho hia a na ɛhia enti, mannya berɛ amfa akodeɛ biara.”

9Ɔsɔfoɔ no buaa sɛ, “Akofena a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wokumm no wɔ Ela bɔnhwa mu no dea. Wɔde ntoma akyekyere ho da asɔfotadeɛ no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, ɛfiri sɛ, biribiara nni ha bio.” Dawid buaa sɛ, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”

10Na Dawid dwanee firi Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11Nanso, na Akis mpanimfoɔ no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so ɔhene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asa ne nnwontoɔ so hyɛɛ no animuonyam sɛ, ‘Saulo akum ne mpempem na Dawid nso akum ɔpedupedu no?’ ”

12Dawid tee saa akekakeka yi no, ɔsuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13Ɛno enti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ, ɔwerɛwerɛɛ apono ho maa ntasuo tene faa nʼabɔgyesɛ mu. 14Deɛ ɛdi akyire ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Bɔdamfoɔ na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? 15Yɛwɔ pii wɔ ha dada! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me ɔhɔhoɔ?”

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 21:1-15

Dawid Guan Saulo

1Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?”

2Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me. 3Afei, dɛn na wowɔ? Ma me brodo mua anum anaa biribiara a wowɔ.”

4Na ɔsɔfo no buaa Dawid se, “Minni brodo teta yi bi wɔ ha. Brodo kronkron de, bi wɔ ha, nanso gye sɛ mmarima no ne mmea bi nnae nnansa yi.”

5Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.” 6Na esiane sɛ aduan foforo biara nni hɔ no nti, ɔsɔfo no de brodo kronkron a wɔde abodoohyew asi anan mu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.

7Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafo panyin no kodwiraa ne ho wɔ hɔ da no.

8Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.”

9Ɔsɔfo no buae se, “Afoa a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wukum no wɔ Ela bon mu no dea. Wɔde ntama akyekyere ho da asɔfotade no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, efisɛ biribiara nni ha bio.” Dawid buae se, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”

10Da no, Dawid guan fii Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. 11Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’ ”

12Dawid tee saa akekakeka yi no, osuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. 13Ɛno nti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfo, ɔwerɛwerɛw apon ho maa ntasu sen faa nʼabogyesɛ mu. 14Nea edi akyi ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Ɔbɔdamfo na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? 15Yɛwɔ pii wɔ ha dedaw! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me hɔho?”