1 Petro 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Petro 2:1-25

Onyankopɔn Ankasa Nkurɔfoɔ

1Montwe mo ho mfiri bɔne nyinaa, atorɔ anaa nyaatwom anaa anibereɛ anaa nsekuro ho. 2Monyɛ sɛ nkɔkoaa a ɛberɛ biara sukɔm de mo, sɛ mobɛnya honhom mu nufosuo kronn anom, na sɛ monom a moanyini na wɔagye mo nkwa. 3Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Moaka Awurade ayamyɛ no ahwɛ.”

4Mommra Awurade a ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. 5Mo nso mote sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɛdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfoɔ Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛdi mu ama Onyankopɔn. 6Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Mayi ɛboɔ a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatiboɔ a

obiara a ɔbɛgye no adi no,

wɔrenni no hwammɔ.”

7Saa ɛboɔ yi ho wɔ mfasoɔ yie ma mo a mogye di. Na wɔn a wɔnnye nni no:

“Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,

ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ.”

8Wɔka bio wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,

“Saa ɛboɔ yi na ɛbɛma nnipa asunti;

ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”

Wɔsuntiiɛ ɛfiri sɛ na wɔnnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛeɛ.

9Na mo deɛ, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfoɔ, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfoɔ a wɔayi mo sɛ monka nʼanwanwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo firi sum mu baa nʼankasa hann nwanwaso no mu. 10Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nanso afei, moyɛ ne nkurɔfoɔ; nna bi a atwam no na monnim Onyankopɔn ahummɔborɔ no, nanso seesei, moanya nʼahummɔborɔ no.

Onyankopɔn Asomfoɔ

11Mʼadɔfoɔ, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ a mowɔ ewiase. Montwe mo ho mfiri honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asie no ho. 12Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.

13Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumidie a ɛyɛ ewiase nhyehyɛeɛ nyinaa: Ni titire Ɔhempɔn a ɔdi obiara so. 14Mommrɛ mo ho ase mma amradofoɔ, ɛfiri sɛ Ɔhempɔn na wasoma wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfoɔ aso na wɔmmɔ wɔn a wɔyɛ papa no aba so. 15Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛeɛ pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Monnsusu sɛ mo de mo ho enti mobɛtumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfoɔ. 17Momfa anidie mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifoɔ. Monsuro Onyankopɔn, na mommu Ɔhempɔn.

18Afie mu asomfoɔ nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na monnni wɔn a wɔn yam yɛ na wɔn tirim yɛ mmrɛ nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, monni wɔn ni. 19Sɛ moto mo bo ase tena saa yea a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn bɛhyira mo, ɛfiri sɛ, monim ne pɛ. 20Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo a, morennya ho mfasoɔ biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na monya ho boasetɔ a, Onyankopɔn bɛhyira mo. 21Yei enti na Onyankopɔn frɛɛ mo, ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa hunuu amane maa mo, de saa nhwɛsoɔ no gyaa mo, sɛdeɛ mobɛdi nʼanammɔn akyi.

22“Kristo anyɛ bɔne.

Obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.”

23Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ɔhunuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidasoɔ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufoɔ pa no mu. 24“Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛdeɛ yɛbɛwu ama bɔne na yɛatena ase tenenee mu. “Nʼakuro mu na moanya ayaresa. 25Na mote sɛ nnwan a wɔayera,” nanso afei deɛ, wɔde mo asane aba sɛ mommɛdi Odwanhwɛfoɔ no ne mo Krasohwɛfoɔ no akyi.

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Petro 2:1-25

Onyankopɔn Ankasa Nkurɔfo

1Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho. 2Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa. 3Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.”

4Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo. 5Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn. 6Na Kyerɛwsɛm no ka se,

“Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a

obiara a obegye no adi no,

wɔrenni no nhuammɔ.”

7Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no,

“Ɔbo a adansifo apo no,

ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.”

8Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se,

“Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw;

ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”

Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.

9Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu. 10Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no.

Onyankopɔn Asomfo

11Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho. 12Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.

13Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so, 14anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so. 15Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo. 17Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.

18Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni. 19Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ. 20Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. 21Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi.

22“Kristo anyɛ bɔne.

Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.”

23Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu. 24“Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa. 25Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi.