1 Mose 45 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 45:1-28

Yosef Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Ne Nuanom

1Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. 2Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom.

3Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim.

4Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no. 5Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa. 6Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. 7Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ.

8“Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim! 10Wobɛba abɛtena Gosen45.10 Na Gosen da Nil fam a na ɛyɛ asase pa. asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra. 11Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, ɛfiri sɛ saa ɛkɔm kɛseɛ yi aka mfeɛ enum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fiefoɔ ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bɛdi hia buruburoo.’

12“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. 13Monka animuonyam a Onyame adom enti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abɛhunu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsiane mmrɛ me ntɛm so.”

14Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ. 15Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ.

Farao Hyia Yakob Ba Misraim

16Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ. 17Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, 18na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafoɔ nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a ɛyɛ pa ara atena so. Wɔbɛdi asase no so nnepa!’

19“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. 20Monnha mo ho wɔ mo agyapadeɛ ho, ɛfiri sɛ, mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ”

21Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 22Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. 23Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane. 24Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.”

25Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 26Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni. 27Na ɛberɛ a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wieeɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no. 28Afei, Israel kaa sɛ, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, Yosef te ase. Mɛkɔ makɔhunu no ansa na mawu.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

创世记 45:1-28

约瑟与弟兄相认

1约瑟再也控制不住自己,于是令所有的随从都出去。这样,约瑟跟弟兄们相认时,没有外人在场。 2约瑟放声大哭,埃及人听见了他的哭声,法老家也听到了这个消息。 3约瑟对他的弟兄们说:“我是约瑟!我的父亲还健在吗?”他的弟兄们吓得一句话也说不出来。

4约瑟叫他们走近一点,等他们靠近了,便说:“我是你们卖到埃及的弟弟约瑟5现在,你们不要因为把我卖到这里而自怨自责。上帝差我先来这里,是为了保住大家的性命。 6地上的饥荒已经两年了,我们还有五年不能种、不能收。 7上帝差我先来,是要为你们保留后代,又要大施拯救,保住你们的性命。 8这样看来,不是你们,是上帝把我送到这里的。祂使我成为法老的宰相,管理他的家和整个埃及9你们快回去告诉父亲,他儿子约瑟说,‘上帝已经使我管理整个埃及,请他立刻来这里。 10他可以带着他的子孙、牛羊及一切所有住在歌珊。那里离我很近, 11我可以奉养他,以免他和全家老少及仆婢牲畜都陷入绝境,因为还有五年的饥荒。’ 12你们和我弟弟便雅悯都看见了,这是我亲口对你们说的。 13你们要把我在埃及享有的尊荣和你们见到的一切都告诉父亲,尽快把他接来。” 14约瑟和弟弟便雅悯抱头痛哭, 15然后又亲吻其他弟兄,抱着他们痛哭,弟兄们跟他交谈起来。

16约瑟弟兄们到来的消息传到法老的王宫,法老和他的臣仆都为约瑟感到高兴。 17法老对约瑟说:“你去吩咐你的弟兄备好驴回迦南18把你们的父亲和家眷都接到我这里。我要把埃及最好的土地赐给他们,让他们享受这里肥美的物产。 19吩咐你的弟兄从埃及带着车去把他们的妻子、儿女和你们的父亲接来。 20不要担心你们在迦南的产业,因为埃及全国的美物都是你们的。”

21以色列的儿子们答应了。约瑟遵照法老的吩咐,为他的弟兄们预备好车辆和路上需用的粮食, 22又给他们每人一套新衣服,但给了便雅悯五套新衣服和三百块银子。 23约瑟送给父亲十头公驴,驮着埃及的美物,还送了十头母驴,驮着粮食、饼和其他食物,让父亲路上用。 24约瑟送弟兄们回去,嘱咐他们路上不要争吵。

25于是,他们离开埃及回到在迦南的父亲雅各那里, 26对父亲说:“约瑟还活着,并且做了埃及的宰相。”雅各惊呆了,不敢相信他们的话。 27雅各听了他们转述约瑟的话,又看见约瑟派来接他的车,才回过神来。 28以色列说:“我信了!我儿约瑟还活着,我要在死之前去见他。”