1 Mose 43 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 43:1-34

Yakob Mma No Sane Kɔ Misraim

1Saa ɛberɛ no mu no, na ɛkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa. 2Enti, ɛberɛ a aduane a wɔkɔtɔ firii Misraim baeɛ no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane nkɔ, nkɔtɔ aduane kakra mmra bio.”

3Nanso, Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob sɛ, “Owura no suae kyerɛɛ yɛn dendeenden sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim ha bio.’ 4Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ deɛ a, ɛnneɛ, yɛbɛsane akɔ akɔtɔ aduane no bi abrɛ wo. 5Nanso, sɛ woamma yɛamfa no ankɔ deɛ a, yɛrenkɔ, ɛfiri sɛ, owura no suaee dendeenden sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, monnsi mʼanim bio.’ ”

6Israel bisaa ne mma no sɛ, “Adɛn enti na moka kyerɛɛ owura no sɛ mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”

7Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”

8Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma. 9Mʼankasa mɛhwɛ abɔfra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammɛgyina wʼanim ha, amma woanhunu sɛ wo ba no ni a, saa asodie no nna me so me nkwanna nyinaa. 10Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa ɛberɛ yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”

11Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yie deɛ a, ɛnneɛ, momfa asase yi so nnepa a ebi ne akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, aduhwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nhyɛ mo nkotokuo mu, nkɔyɛ owura no ayɛ. 12Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho mmienu, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ mosane de sika a kane no mode kɔeɛ na ɔsane de hyɛɛ mo nnesoa mu baeɛ no kɔma no. Ebia, na ɛyɛɛ no anifasoɔ. 13Momfa mo nua no nso nka mo ho, na monsim ntɛm ntɛm nkɔ. 14Otumfoɔ Onyankopɔn nnyina mo akyiri, na owura no nhunu mo mmɔbɔ, na ɔnnyaa mo nua panin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsane mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ medi wɔn wuo ho awerɛhoɔ nso a, menni asɛm biara ka.”

15Enti, Israel mma no faa akyɛdeɛ ahodoɔ a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho mmienu, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, siim kɔeɛ. Wɔduruu Misraim no, wɔkɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef. 16Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa nkurɔfoɔ no kɔ me fie, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduane, na awia me ne wɔn bɛdidi.”

17Ɔsomfoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Ɔde nkurɔfoɔ no kɔɔ Yosef fie. 18Ɔde wɔn duruu Yosef fie no, wɔsuroeɛ. Wɔkaa sɛ, “Gyama ɛsiane dwetɛ a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotokuo mu no enti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔno to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsane fa yɛn mfunumu no nyinaa.”

19Wɔduruu Yosef fie kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef ɔsomfoɔ panin no nkyɛn. 20Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha ɛberɛ bi a atwam bɛtɔɔ aduane. 21Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba. 22Yɛasane de sika foforɔ aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduane. Yɛnnim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotokuo no mu.”

23Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.

24Ɔsomfoɔ panin no de wɔn kɔɔ Yosef fie, maa wɔn nsuo hohoroo wɔn nan ase, ɛnna ɔmaa wɔn mfunumu no nso aduane diiɛ. 25Wɔboaboaa akyɛdeɛ a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wɔbɛdidi wɔ efie hɔ awia no.

26Ɛberɛ a Yosef baeɛ no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛdeɛ no maa no. 27Yosef bisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho te. Ɔtoaa so sɛ, “Mo agya akɔkoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te sɛn? Ɔda so te ase anaa?”

28Wɔbuaa no sɛ, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho yɛ. Ɔda so te ase.” Wɔde obuo ne anidie bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.

29Ɛberɛ a nʼani tɔɔ ne maame ba Benyamin anim no, ɔbisaa sɛ, “Yei ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no anaa?” Ɔtoaa so sɛ, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!” 30Yosef hunuu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ hoeɛ enti, ɔyɛɛ ntɛm firii adi kɔhyɛɛ ne piam, kɔsuiɛ.

31Ɔsu wieeɛ no, ɔhohoroo nʼanim, sane baeɛ de animia kaa sɛ, “Momma yɛnnidi!”

32Wɔtoo Yosef ɛpono wɔ baabi, ɛnna wɔtoo anuanom no nso ɛpono wɔ baabi wɔ ɛdan korɔ no ara mu. Misraimfoɔ a wɔyɛ Yosef asomfoɔ no nso didii wɔ baabi foforɔ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ ne Hebrifoɔ nto nsa nnidi, ɛyɛ wɔn akyiwadeɛ. 33Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim. 34Wɔtetee nnuane no firi Yosef ɛpono so kɔmaa wɔn, nanso Benyamin deɛ, na ne deɛ no dɔɔso sene ne nua biara deɛ mprenum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigyeɛ ne ahosɛpɛ didi nomeeɛ.

New International Version

Genesis 43:1-34

The Second Journey to Egypt

1Now the famine was still severe in the land. 2So when they had eaten all the grain they had brought from Egypt, their father said to them, “Go back and buy us a little more food.”

3But Judah said to him, “The man warned us solemnly, ‘You will not see my face again unless your brother is with you.’ 4If you will send our brother along with us, we will go down and buy food for you. 5But if you will not send him, we will not go down, because the man said to us, ‘You will not see my face again unless your brother is with you.’ ”

6Israel asked, “Why did you bring this trouble on me by telling the man you had another brother?”

7They replied, “The man questioned us closely about ourselves and our family. ‘Is your father still living?’ he asked us. ‘Do you have another brother?’ We simply answered his questions. How were we to know he would say, ‘Bring your brother down here’?”

8Then Judah said to Israel his father, “Send the boy along with me and we will go at once, so that we and you and our children may live and not die. 9I myself will guarantee his safety; you can hold me personally responsible for him. If I do not bring him back to you and set him here before you, I will bear the blame before you all my life. 10As it is, if we had not delayed, we could have gone and returned twice.”

11Then their father Israel said to them, “If it must be, then do this: Put some of the best products of the land in your bags and take them down to the man as a gift—a little balm and a little honey, some spices and myrrh, some pistachio nuts and almonds. 12Take double the amount of silver with you, for you must return the silver that was put back into the mouths of your sacks. Perhaps it was a mistake. 13Take your brother also and go back to the man at once. 14And may God Almighty43:14 Hebrew El-Shaddai grant you mercy before the man so that he will let your other brother and Benjamin come back with you. As for me, if I am bereaved, I am bereaved.”

15So the men took the gifts and double the amount of silver, and Benjamin also. They hurried down to Egypt and presented themselves to Joseph. 16When Joseph saw Benjamin with them, he said to the steward of his house, “Take these men to my house, slaughter an animal and prepare a meal; they are to eat with me at noon.”

17The man did as Joseph told him and took the men to Joseph’s house. 18Now the men were frightened when they were taken to his house. They thought, “We were brought here because of the silver that was put back into our sacks the first time. He wants to attack us and overpower us and seize us as slaves and take our donkeys.”

19So they went up to Joseph’s steward and spoke to him at the entrance to the house. 20“We beg your pardon, our lord,” they said, “we came down here the first time to buy food. 21But at the place where we stopped for the night we opened our sacks and each of us found his silver—the exact weight—in the mouth of his sack. So we have brought it back with us. 22We have also brought additional silver with us to buy food. We don’t know who put our silver in our sacks.”

23“It’s all right,” he said. “Don’t be afraid. Your God, the God of your father, has given you treasure in your sacks; I received your silver.” Then he brought Simeon out to them.

24The steward took the men into Joseph’s house, gave them water to wash their feet and provided fodder for their donkeys. 25They prepared their gifts for Joseph’s arrival at noon, because they had heard that they were to eat there.

26When Joseph came home, they presented to him the gifts they had brought into the house, and they bowed down before him to the ground. 27He asked them how they were, and then he said, “How is your aged father you told me about? Is he still living?”

28They replied, “Your servant our father is still alive and well.” And they bowed down, prostrating themselves before him.

29As he looked about and saw his brother Benjamin, his own mother’s son, he asked, “Is this your youngest brother, the one you told me about?” And he said, “God be gracious to you, my son.” 30Deeply moved at the sight of his brother, Joseph hurried out and looked for a place to weep. He went into his private room and wept there.

31After he had washed his face, he came out and, controlling himself, said, “Serve the food.”

32They served him by himself, the brothers by themselves, and the Egyptians who ate with him by themselves, because Egyptians could not eat with Hebrews, for that is detestable to Egyptians. 33The men had been seated before him in the order of their ages, from the firstborn to the youngest; and they looked at each other in astonishment. 34When portions were served to them from Joseph’s table, Benjamin’s portion was five times as much as anyone else’s. So they feasted and drank freely with him.