1 Mose 41 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 41:1-57

Yosef Kyerɛ Farao Daeɛ Ase

1Mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ bi. Na ɔgyina Asubɔnten Nil ho. 2Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛwee ɛserɛ a na ɛwɔ hɔ. 3Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. 4Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no! Saa ɛberɛ no ara mu na Farao bɔɔ pitiri nyaneeɛ!

5Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. 6Akyiri no prɛko pɛ, siaka nson bi soo wɔ nan no ho. Apueeɛ mframa bɔɔ no ma ɛtwintwamee. 7Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao sane nyanee bio, hunuu sɛ, sɛɛ na nneɛma a ɔhunuiɛ no nyinaa yɛ daeɛ.

8Adeɛ kyeeɛ no, nʼadwenem yɛɛ no basaa. Enti, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifoɔ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fie. Farao kaa daeɛ a ɔsoeɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ aseɛ.

9Ɛhɔ na Farao nsãhyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Ɛnnɛ na saa asɛm yi ama makae me mfomsoɔ bi a mayɛ. 10Mmerɛ bi a atwam no, wo Farao bo fuu wʼasomfoɔ yie. Ɛnam so maa wode me ne wo burodotofoɔ panin kɔtoo afiase wɔ dabehene fie. 11Yɛn baanu nyinaa soo daeɛ anadwo korɔ no ara a na ɛsono sɛdeɛ yɛn mu biara daeɛ no si teɛ. 12Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ. 13Na sɛdeɛ ɔsi fa kyerɛɛ yɛn daeɛ no ase no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesane kɔdii me dibea, ɛnna burodotofoɔ panin no, wɔsɛn no.”

14Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.

15Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Maso daeɛ bi a obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Nanso, mate sɛ wo deɛ, sɛ obi ka ne daeɛ kyerɛ wo a, wotumi kyerɛ aseɛ. Ɛno enti na masoma abɛfrɛ wo yi.”

16Yosef buaa Farao sɛ, “Me ara merentumi mfiri me tumi mu nkyerɛ daeɛ no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo daeɛ no ase.”

17Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ no mu, na megyina Asubɔnten Nil konkɔn so. 18Mehunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ, na wɔn ho tua wɔn firii asubɔnten no mu baeɛ bɛnantee wira no mu, hyɛɛ aseɛ wee serɛ. 19Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so. 20Anantwie nson a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya no memenee anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ na wɔn ho tua wɔn a wɔdii ɛkan baeɛ no! 21Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyiri no, na sɛdeɛ wɔte ara na wɔte, ɛfiri sɛ, na wɔn ho da so yɛ tan kanyakanya no ara. Saa ɛberɛ no ara mu na mebɔɔ pitiri nyaneeɛ.

22“Mesane soo daeɛ bio hunuu sɛ, ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ aso wɔ ɛmo nan baako so. 23Yeinom akyiri no, ɛmo asiaka nson bi a apueeɛ mframa abɔ no, ama akusa, ayeyɛ ntweantweaa soo wɔ ɛmo nan no so. 24Ɛmo ntweantweaa no memenee ɛmo nson a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me daeɛ no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifoɔ no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”

25Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Wo daeɛ mmienu a wososoeɛ no nyinaa nkyerɛaseɛ yɛ pɛ. Onyankopɔn nam wo daeɛ no so, reda biribi a ɔrebɛma asi wɔ Misraim asase so no adi akyerɛ wo. 26Anantwie nson a wɔadodɔre sradeɛ no ne ɛmo siaka nson a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no nso, ase kyerɛ sɛ, mfeɛ nson a ɛdi anim a ɛreba no bɛyɛ mfeɛ pa ama ɔman no. 27Anantwie nson a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ kanyakanya no ne ɛmo siaka nson a akusa ayeyɛ ntweantweaa no nso kyerɛ sɛ, mfeɛ pa nson no akyiri no, ɛkɔm bɛba mfeɛ nson.

28“Enti, Onyankopɔn akyerɛ wo deɛ ɔrebɛyɛ. 29Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no, aduane bɛbu wɔ Misraim asase so nyinaa. 30Nanso, akyire no, ɛkɔm kɛseɛ bi bɛba mfeɛ nson, ama nnipa werɛ afiri asetena pa a wɔnyaa no mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no. Ɛkɔm bɛmene asase no. 31Esiane ɛkɔm a ɛbɛdi mmerɛ pa a atwam no akyiri no ano den a ɛbɛyɛ no enti, saa ɛberɛ no, wɔrenkae mmerɛ pa no bio wɔ asase no so. 32Saa daeɛ mmienu a wosoeɛ no kyerɛ sɛdeɛ ɛkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na wasi gyinaeɛ pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa, ɛbɛba mu saa.

33“Enti, mʼafotuo ne sɛ, hwehwɛ onyansafoɔ kɛseɛ a ɔwɔ nhunumu wɔ Misraim asase yi so, na fa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa. 34Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansini ahodoɔ enum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn bɛtuatua amansini no ano no nyiyi nnɔbaeɛ a ɛbɛba mmerɛ pa mfeɛ nson no mu no nkyɛmu enum mu baako, mfa nsie. 35Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wɔtuatua amansini no ano no boaboa nnuane a wɔbɛgyegye mmerɛ pa mfeɛ nson a nnuane bɛbu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao edin mu. Wɔmfa saa nnuane no nhyehyɛ asan so wɔ nkuro akɛseɛ mu. 36Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.”

Farao Pagya Yosef

37Farao ne ne mpanimfoɔ no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu. 38Ɛberɛ a wɔredwennwene onipa ko a ɛsɛ sɛ wɔde saa adwuma kɛseɛ yi hyɛ ne nsa no ho no, Farao bisaa sɛ, “Hwan koraa na ɔbɛtumi ayɛ adwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi asene Yosef? Ɛfiri sɛ, ɔyɛ onipa bi a, akwan nyinaa mu, ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma.”

39Afei, Farao danee nʼani ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Onyankopɔn ayi saa daeɛ yi ne nʼasekyerɛ akyerɛ wo yi, hwan bio na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔwɔ nhunumu sene wo wɔ Misraim ɔman yi mu! 40Ɛnnɛ, mede saa adwuma kɛseɛ yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahennwa a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ kɛse sene wo.”

41Enti, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ de rekorɔ, mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.” 42Afei, Farao worɔɔ ne nsɔano kawa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde serekye batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. 43Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabadiakyire. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teateaam sɛ, “monkoto no!” Saa ɛkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.

44Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Mene Farao Misraimhene deɛ, nanso obiara ntumi mfiri wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraiman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.” 45Farao maa Yosef ahene din sɛ Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbaa nso wareeɛ. Na ababaawa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa. Ɛnam yei so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa Misraim asase so nyinaa.

46Ɛberɛ a Yosef kɔɔ ɔhene Farao adwa ase no, na wadi mfirinhyia aduasa. Farao maa Yosef ɛkwan ma ɔbɔɔ aporɔ faa Misraim asase so nyinaa. 47Mfeɛ nson a ɛdi ɛkan no mu no, aduane buu so wɔ Misraim asase so yie. 48Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ. 49Mfeɛ nson akyiri no, na Yosef akora nnuane wɔ nnuanekorabea hɔ, ama abu so ara kɔsii sɛ, afei na obiara mmu ho nkonta bio.

50Ansa na ɛkɔm kɛseɛ no rebɛba no, na Yosef yere Asnat, a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfoɔ Potifera babaa no, awo mmammarima baanu. 51Yosef too nʼabakan no edin Manase, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama me werɛ afiri mʼamanehunu ne mʼagya fie nyinaa. 52Yosef babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, wɔtoo no edin Efraim, a asekyerɛ ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.

53Afei, mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Misraim asase so no twaam. 54Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so. 55Ɛberɛ a ɛkɔm no sii dendeenden wɔ Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfoɔ nyinaa sɛ, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”

56Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn. 57Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie.

Japanese Contemporary Bible

創世記 41:1-57

41

ファラオの夢を解くヨセフ

1それから二年後のある夜、今度は王が夢を見ました。ナイル川のほとりに立っていると、 2突然、川から丸々と太った雌牛が七頭出て来て、あたりの草を食べ始めるのです。 3次に、また別の雌牛が七頭出て来ます。骨と皮だけで、あばら骨が浮いて見えるようなやせた牛ばかりです。それが、歩いて行って太った牛の隣に立ったかと思うと、 4その太った牛を食べてしまったのです。王は、そこで目が覚めました。

5やがて、またうとうとと寝入ると、別の夢を見ました。今度は、一本の茎に穀物の穂が七つ出て来るのです。一つ一つはみな形も良く、実がいっぱいに詰まっています。 6ところが突然、同じ茎にまた別の穂が七つ現れました。どれもこれも熱い東風にやられてちりちりに焼け、実が入っていません。 7なんと、このしなびた穂が、実のたっぷり入った形の良い七つの穂をのみ込んでしまいました。そこでまた目が覚めました。全部、夢だったのです。

8夜が明けると、王はあれこれ考えましたが、考えれば考えるほど、夢のことが気になってしかたありません。国中の魔術師や学者を呼び集め、夢の意味を解かせようとしましたが、だれにも何のことかわかりません。 9その時、王の毒味役が口をはさみました。「実は、うっかりしておりましたが、とうに申し上げておかなければならないことがありました。 10いつでしたか、王様のお怒りを買って、私と料理長とがポティファル様の屋敷内の監獄に入れられたことがございました。 11ある夜、私どもは夢を見たのです。 12その夢を、ポティファル様の奴隷だったあるヘブル人の青年に話しましたところ、夢の意味をちゃんと説明してくれました。 13そしてすべてがそのとおりになりました。私はお赦しを得てお毒味役に復帰できましたし、料理長は死刑にされ、木につるされてしまいました。」

14王はすぐさまヨセフを呼びにやりました。さっそく地下牢から呼び出されたヨセフは、急いでひげをそり、服を着替えて王の前に出ました。

15「わしはゆうべ夢を見たのだが、それがどういう意味か、ここにいる連中は一人もわからんのだ。話によると、おまえはそういうことにくわしいそうだな。わざわざ呼び寄せたのはほかでもない、その夢の意味を説明してほしいのだ。」

16「王様、私が自分の力でそうするわけではありません。神様が王様の幸せについて教えてくださるのです。」

17そこで、王は夢の話をしました。「わしはナイル川のほとりに立っていた。 18すると突然、川から丸々と太った健康そうな雌牛が七頭出て来て、川岸のあたりの草を食べ始めた。 19ところが、別の雌牛が七頭また川から出て来た。やせて骨が浮いて見えるようなやつばかりだ。全く、あんなやせこけた牛は、エジプト中どこを捜してもいないだろう。 20ところが、そのやせた牛が、最初の太った牛をぺろりとたいらげてしまった。 21それなのに、まだやせたままなのだ。その時、目が覚めた。 22しばらくして、もう一つ夢を見た。今度は一本の茎に七つの穂が出て来たのだ。たっぷり実の入った穂ばかりだった。 23そのあと同じ茎から、やせた実のない穂が七つ出て来た。 24そして、やせた穂が、実の入ったものをのみ込んでしまった。この話を魔術師どもにしたのだが、満足に説明できる者は一人もいなかったのだ。」

25「夢は二つとも同じ意味でございます。神様が、これからエジプトでなさろうとしていることをお告げになったのです。 26七頭の太った雌牛と、実のよく入った七つの穂はどちらも、これから七年の間、豊作が続くということです。 27七頭のやせた雌牛と七つのしおれた実のない穂は、その七年間の豊作のあと、七年間ききんが続くことを表しています。 28神様は、今からしようとしておられることを、そのように王様に示されたのです。 29これから七年間は、エジプト中が豊かな繁栄を楽しむ時となりましょう。 30しかしそのあと、七年間のききんに見舞われます。以前の繁栄がすっかり忘れられ、跡形もなくなるほどの大ききんです。国土はすっかり荒れ果て、 31あまりのひどさに、豊作の年があったことなど信じられなくなるでしょう。 32同じ夢を二度ごらんになったのは、今お話ししたことが間違いなく起こるという証拠です。神様がそうお決めになったからには、すぐに夢のとおりになります。 33あまり猶予はありません。さっそくエジプト一の人材を探して、国全体の農業計画を管理させたらよろしいと存じます。 34-35エジプトを五つの管轄区に分けます。七年間は各地区の役人に命じて、余った穀物を王様の倉庫へ納めさせたらいかがでしょうか。 36そうすれば、大ききんになっても困りません。でないと、国中が災害にやられて、とんでもないことになるでしょう。」

総理大臣になるヨセフ

37ヨセフの提言に、王も家臣たちもうなずきました。 38では、この仕事の責任者をだれにしたらよいのか、一同が相談を始めると、王が言いました。「ヨセフがよい。彼は神様の特別の力を頂いている。まさにうってつけではないか。」 39そして、ヨセフのほうに向き直り、こう続けました。「夢の意味を神様がおまえにお示しになったからには、おまえがわが国で一番の知恵者に違いない。 40したがってわしは今、おまえをこの仕事全体の責任者に任命する。何でもおまえの命令どおりすることにしよう。この国でおまえの上に立つ者は、わしだけだ。」

41-42王は自分の印のついた指輪を、権威のしるしとしてヨセフの指にはめ、美しい服を着せて、首には王がつける金の首飾りをかけました。「おまえをエジプトの総理大臣に任命する。王のわしがそう宣言する。」

43王はまた、国で第二の地位にあることを示す車を、ヨセフに与えました。ヨセフがどこかへ出かける時は、必ずだれかが、「総理大臣閣下のお通りーっ!」と叫ぶのです。 44王はヨセフに言いました。「エジプトの王であるわしが誓う。わが国を治める全責任をおまえにゆだねる。」

45王はまた、ヨセフに、「生死をつかさどる神のような権力を持つ者」という意味のエジプト名を与えました。また、オンの祭司〔当時の有力な宗教的・政治的指導者〕ポティ・フェラの娘アセナテを、妻として与えました。ヨセフの名はたちまちエジプト中に知れ渡りました。 46この時、彼はまだ三十歳でした。王の前から下がると、さっそく国中の巡察を始めました。

47ヨセフの言ったとおり、初めの七年間はどこも豊作でした。 48その間にヨセフは、収穫の一部を国が買い上げ、近くの町々にたくわえるようにしました。 49七年たつと、倉庫はあふれるほどいっぱいになり、いったいどれほどあるのか見当もつきませんでした。

50祭司ポティ・フェラの娘アセナテは、男の子を二人産みました。ききんが来る前のことです。 51ヨセフは長男をマナセ〔「忘れさせてくださった」の意〕と名づけました。自分の青年時代のいろいろな苦しみや、父の家から離れた悲しみなどを忘れるほどに、神がよくしてくださったからです。 52次男はエフライム〔「豊かな実り」の意〕としました。「以前は奴隷だったこの国で、神様は私を豊かにしてくださった」と、彼が言ったからです。

53こうしてついに、七年の豊作期は終わりました。 54そのあと、ヨセフの言ったとおり七年間のききんが始まりました。近隣の国々もひどい不作でした。しかし、エジプト中の倉庫には穀物がたっぷりたくわえてありました。 55やがて飢える人が出始めると、王のもとには、食物を求める人たちがひっきりなしにやって来ました。すると、王は決まって、「総理大臣の指示どおりにせよ」と命じ、ヨセフのところへ行かせるのです。

56-57ききんはますますひどくなり、全世界を覆い尽くす勢いです。ヨセフは倉庫を開け、穀物をエジプト人に売ることにしました。また、ほかの国々から、ぞくぞくと買い求めに来る人々にも売りました。