1 Mose 39 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 39:1-23

Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm

1Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam.

2Na Awurade ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie. 3Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na 4nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so. 6Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara.

Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie. 7Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!”

8Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa. 9Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.” 10Ɛwom sɛ ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie sɛ ɔne no bɛda.

11Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu hɔ no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ. 12Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ.

13Potifar yere no hunuu sɛ Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie hɔ no, 14ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha sɛ ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me monnaa na meteateaam. 15Ɔtee sɛ mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha.”

16Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii sɛ ne kunu baeɛ. 17Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me monnaa. 18Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ hɔ.”

19Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie” no, ne bo fuu yie. 20Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no.

Ɛberɛ a Yosef da afiase hɔ no, 21na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie. 22Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa. 23Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie.

New International Reader’s Version

Genesis 39:1-23

Joseph and the Wife of Potiphar

1Joseph had been taken down to Egypt. An Egyptian named Potiphar had bought him from the Ishmaelite traders who had taken him there. Potiphar was one of Pharaoh’s officials. He was the captain of the palace guard.

2The Lord was with Joseph. He gave him great success. Joseph lived in Potiphar’s house. 3Joseph’s master saw that the Lord was with him. He saw that the Lord made Joseph successful in everything he did. 4So Potiphar was pleased with Joseph and made him his attendant. He put Joseph in charge of his house. He trusted Joseph to take care of everything he owned. 5From that time on, the Lord blessed Potiphar’s family and servants because of Joseph. He blessed everything Potiphar had in his house and field. 6So Joseph took good care of everything Potiphar owned. With Joseph in charge, Potiphar didn’t have to worry about anything except the food he ate.

Joseph was strong and handsome. 7After a while, his master’s wife noticed Joseph. She said to him, “Come to bed with me!”

8But he refused. “My master has put me in charge,” he told her. “Now he doesn’t have to worry about anything in the house. He trusts me to take care of everything he owns. 9No one in this house is in a higher position than I am. My master hasn’t held anything back from me, except you. You are his wife. So how could I do an evil thing like that? How could I sin against God?” 10She spoke to Joseph day after day. But he told her he wouldn’t go to bed with her. He didn’t even want to be with her.

11One day Joseph went into the house to take care of his duties. None of the family servants was inside. 12Potiphar’s wife grabbed him by his coat. “Come to bed with me!” she said. But he left his coat in her hand. And he ran out of the house.

13She saw that he had left his coat in her hand and had run out of the house. 14So she called her servants. “Look,” she said to them, “this Hebrew slave has been brought here to make fun of us! He came in here to force me to have sex with him. But I screamed for help. 15He heard my scream. So he left his coat beside me and ran out of the house.”

16She kept Joseph’s coat with her until Potiphar came home. 17Then she told him her story. She said, “That Hebrew slave you brought us came to me to rape me. 18But I screamed for help. So he left his coat beside me and ran out of the house.”

19Potiphar’s wife told him, “That’s how your slave treated me.” When Joseph’s master heard her story, he became very angry. 20So he put Joseph in prison. It was the place where the king’s prisoners were kept.

While Joseph was there in the prison, 21the Lord was with him. He was kind to him. So the man running the prison was pleased with Joseph. 22He put Joseph in charge of all the prisoners. He made him responsible for everything done there. 23The man who ran the prison didn’t pay attention to anything in Joseph’s care. That’s because the Lord was with Joseph. He gave Joseph success in everything he did.