1 Mose 38 – ASCB & CST

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 38:1-30

Yuda Ne Tamar

1Ɛbaa sɛ saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ. 2Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no. 3Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er. 4Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan. 5Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela.

6Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no. 7Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumuyɛfoɔ wɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no.

8Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan sɛ, “Ɛsɛ sɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ.” 9Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, sɛ ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ. 10Esiane sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no.

11Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ.

12Ɛwɔ hɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ.

13Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ sɛ, “Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.” 14Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no.

15Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim. 16Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.”

Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?”

17Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.”

Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?”

18Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?”

Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ. 19Tamar firii hɔ akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, sane faa ne kunatam firaeɛ.

20Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no 21bisaa kurom hɔfoɔ no sɛ, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara wɔ ha.”

22Enti, ɔsane kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa sɛ, ‘Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ38.22 Na saa adwamanfoɔ yi rekɔyɛ sɛ saa berɛ no yafununya anyame no. biara nni ha.’ ”

23Yuda nso kaa sɛ, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ sɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no.”

24Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn.

Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa sɛ, “Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no.”

25Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda sɛ, “Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ sɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi yɛ ne dea no anaa.”

26Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.

27Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta. 28Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa sɛ, “Yei na wɔwoo no kane.” 29Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres. 30Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah.

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Génesis 38:1-30

Judá y Tamar

1Por esos días, Judá se apartó de sus hermanos y se fue a vivir a la casa de un hombre llamado Hirá, residente del pueblo de Adulán. 2Allí Judá conoció a una mujer, hija de un cananeo llamado Súa, y se casó con ella. Después de tener relaciones con él, 3ella concibió y dio a luz un hijo, al que llamó Er. 4Tiempo después volvió a concebir, y dio a luz otro hijo, al que llamó Onán. 5Pasado el tiempo tuvo otro hijo, al que llamó Selá, el cual nació en Quezib.

6Judá consiguió para Er, su hijo mayor, una esposa que se llamaba Tamar. 7Pero al Señor no le agradó la conducta del primogénito de Judá, y le quitó la vida. 8Entonces Judá le dijo a Onán: «Cásate con la viuda de tu hermano y cumple con tu deber de cuñado; así le darás descendencia a tu hermano». 9Pero Onán sabía que los hijos que nacieran no serían reconocidos como suyos. Por eso, cada vez que tenía relaciones con ella, derramaba el semen en el suelo, y así evitaba que su hermano tuviera descendencia. 10Esta conducta ofendió mucho al Señor, así que también a él le quitó la vida. 11Entonces Judá le dijo a su nuera Tamar: «Quédate como viuda en la casa de tu padre, hasta que mi hijo Selá tenga edad de casarse». Pero en realidad Judá pensaba que Selá podría morirse, lo mismo que sus hermanos. Así que Tamar se fue a vivir a la casa de su padre.

12Después de mucho tiempo, murió la esposa de Judá, la hija de Súa. Al concluir el tiempo de duelo, Judá fue al pueblo de Timnat para esquilar sus ovejas. Lo acompañó su amigo Hirá, el adulanita. 13Cuando Tamar se enteró de que su suegro se dirigía hacia Timnat para esquilar sus ovejas, 14se quitó el vestido de viuda, se cubrió con un velo para que nadie la reconociera y se sentó a la entrada del pueblo de Enayin, que está en el camino a Timnat. Esto lo hizo porque se dio cuenta de que Selá ya tenía edad de casarse y aún no se lo daban a ella por esposo.

15Cuando Judá la vio con el rostro cubierto, la tomó por una prostituta. 16No sabiendo que era su nuera, se acercó a la orilla del camino y le dijo:

―Deja que me acueste contigo.

―¿Qué me das si te digo que sí? —le preguntó ella.

17―Te mandaré uno de los cabritos de mi rebaño —respondió Judá.

―Está bien —respondió ella—, pero déjame algo en garantía hasta que me lo mandes.

18―¿Qué prenda quieres que te deje? —preguntó Judá.

―Dame tu sello y tu cordón, y el bastón que llevas en la mano —respondió Tamar.

Judá se los entregó, se acostó con ella y la dejó embarazada. 19Cuando ella se levantó, se fue inmediatamente de allí, se quitó el velo y volvió a ponerse la ropa de viuda.

20Más tarde, Judá envió el cabrito por medio de su amigo adulanita, para recuperar las prendas que había dejado con la mujer; pero su amigo no dio con ella. 21Entonces le preguntó a la gente del lugar:

―¿Dónde está la prostituta38:21 prostituta. Lit. consagrada; es decir, una prostituta consagrada al culto. de Enayin, la que se sentaba junto al camino?

―Aquí nunca ha habido una prostituta así —le contestaron.

22El amigo regresó adonde estaba Judá y le dijo:

―No la pude encontrar. Además, la gente del lugar me informó que allí nunca había estado una prostituta como esa.

23―Que se quede con las prendas —replicó Judá—; no es cuestión de que hagamos el ridículo. Pero que quede claro: yo le envié el cabrito, y tú no la encontraste.

24Como tres meses después, le informaron a Judá lo siguiente:

―Tu nuera Tamar se ha prostituido, y como resultado de sus andanzas ha quedado embarazada.

―¡Sacadla y quemadla! —exclamó Judá.

25Pero, cuando la estaban sacando, ella mandó este mensaje a su suegro: «El dueño de estas prendas fue quien me ha dejado embarazada. A ver si tú reconoces de quién son este sello, el cordón del sello y este bastón».

26Judá los reconoció y declaró: «Su conducta es más justa que la mía, pues yo no se la di por esposa a mi hijo Selá». Y no volvió a acostarse con ella.

27Cuando llegó el tiempo de que Tamar diera a luz, resultó que tenía mellizos en su seno. 28En el momento de nacer, uno de los mellizos sacó la mano; la partera le ató un hilo rojo en la mano, y dijo: «Este salió primero». 29Pero en ese momento el niño metió la mano, y salió primero el otro. Entonces la partera dijo: «¡Cómo te abriste paso!» Por eso al niño lo llamaron Fares.38:29 En hebreo, Fares significa abertura, brecha. 30Luego salió su hermano, con el hilo rojo atado en la mano, y lo llamaron Zera.38:30 En hebreo, Zera puede significar rojo, brillo o resplandor.