1 Mose 21 – ASCB & NIV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 21:1-34

Isak Awoɔ

1Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. 2Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ. 3Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. 4Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no. 5Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha.

6Afei, Sara kaa sɛ, “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere.” 7Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.”

Wɔpam Hagar Ne Ismael

8Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ. 9Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ. 10Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.”

11Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie. 12Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ. 13Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.”

14Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ.

15Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi. 16Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

17Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no sɛ, “Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ baabi a ɔda no. 18Pagya abarimaa no, ɛfiri sɛ, mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.”

19Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ.

20Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie. 21Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ.

Abraham Ne Abimelek Apam

22Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho. 23Enti afei, di nse ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha sɛ, worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔmamfrani no.”

24Abraham penee so sɛ, “Meka saa ntam no!”

25Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim. 26Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.”

27Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam. 28Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa. 29Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?”

30Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.”

31Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.

32Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so. 33Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom Awurade teasefoɔ no. 34Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so sɛ ɔmamfrani nna bebree.

New International Version

Genesis 21:1-34

The Birth of Isaac

1Now the Lord was gracious to Sarah as he had said, and the Lord did for Sarah what he had promised. 2Sarah became pregnant and bore a son to Abraham in his old age, at the very time God had promised him. 3Abraham gave the name Isaac21:3 Isaac means he laughs. to the son Sarah bore him. 4When his son Isaac was eight days old, Abraham circumcised him, as God commanded him. 5Abraham was a hundred years old when his son Isaac was born to him.

6Sarah said, “God has brought me laughter, and everyone who hears about this will laugh with me.” 7And she added, “Who would have said to Abraham that Sarah would nurse children? Yet I have borne him a son in his old age.”

Hagar and Ishmael Sent Away

8The child grew and was weaned, and on the day Isaac was weaned Abraham held a great feast. 9But Sarah saw that the son whom Hagar the Egyptian had borne to Abraham was mocking, 10and she said to Abraham, “Get rid of that slave woman and her son, for that woman’s son will never share in the inheritance with my son Isaac.”

11The matter distressed Abraham greatly because it concerned his son. 12But God said to him, “Do not be so distressed about the boy and your slave woman. Listen to whatever Sarah tells you, because it is through Isaac that your offspring21:12 Or seed will be reckoned. 13I will make the son of the slave into a nation also, because he is your offspring.”

14Early the next morning Abraham took some food and a skin of water and gave them to Hagar. He set them on her shoulders and then sent her off with the boy. She went on her way and wandered in the Desert of Beersheba.

15When the water in the skin was gone, she put the boy under one of the bushes. 16Then she went off and sat down about a bowshot away, for she thought, “I cannot watch the boy die.” And as she sat there, she21:16 Hebrew; Septuagint the child began to sob.

17God heard the boy crying, and the angel of God called to Hagar from heaven and said to her, “What is the matter, Hagar? Do not be afraid; God has heard the boy crying as he lies there. 18Lift the boy up and take him by the hand, for I will make him into a great nation.”

19Then God opened her eyes and she saw a well of water. So she went and filled the skin with water and gave the boy a drink.

20God was with the boy as he grew up. He lived in the desert and became an archer. 21While he was living in the Desert of Paran, his mother got a wife for him from Egypt.

The Treaty at Beersheba

22At that time Abimelek and Phicol the commander of his forces said to Abraham, “God is with you in everything you do. 23Now swear to me here before God that you will not deal falsely with me or my children or my descendants. Show to me and the country where you now reside as a foreigner the same kindness I have shown to you.”

24Abraham said, “I swear it.”

25Then Abraham complained to Abimelek about a well of water that Abimelek’s servants had seized. 26But Abimelek said, “I don’t know who has done this. You did not tell me, and I heard about it only today.”

27So Abraham brought sheep and cattle and gave them to Abimelek, and the two men made a treaty. 28Abraham set apart seven ewe lambs from the flock, 29and Abimelek asked Abraham, “What is the meaning of these seven ewe lambs you have set apart by themselves?”

30He replied, “Accept these seven lambs from my hand as a witness that I dug this well.”

31So that place was called Beersheba,21:31 Beersheba can mean well of seven and well of the oath. because the two men swore an oath there.

32After the treaty had been made at Beersheba, Abimelek and Phicol the commander of his forces returned to the land of the Philistines. 33Abraham planted a tamarisk tree in Beersheba, and there he called on the name of the Lord, the Eternal God. 34And Abraham stayed in the land of the Philistines for a long time.