1 Mose 14 – ASCB & PCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 14:1-24

Abram Gye Lot

1Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal berɛ so, 2na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. 3Saa ahemfo yi a ɛyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Sidim subɔnhwa a ɛno ne Nkyene Ɛpo no mu. 4Wɔsomm Kedorlaomer mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu no, wɔtee atua.

5Afe akyiri no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfoɔ,14.5 Refaimfoɔ asekyerɛ ne “nnipa abrane.” a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifoɔ a wɔwɔ Ham ne Emifoɔ a wɔwɔ Kiriataim 6ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no. 7Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa.

8Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔn ne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a akyire yi, wɔfrɛ no Soar no kɔɔ 9saa ahemfo baanan yi a wɔn ne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wɔkɔhyiaa wɔ Sidim subɔnhwa mu. 10Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so. 11Ahemfo baanan a wɔdii nkonim no fom Sodom ne Gomorafoɔ ahodeɛ ne wɔn nnuane nyinaa de kɔeɛ. 12Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ.

13Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no. 14Ɛberɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fiefoɔ nnipa ahasa ne dunwɔtwe a wɔatete wɔn sɛ akofoɔ ano, ma wɔtii atamfoɔ no, kɔsii kuro bi a wɔfrɛ no Dan mu. 15Ɛda no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakodɔm no mu, ma wɔto hyɛɛ atamfoɔ no so, kunkumm wɔn, taa wɔn kɔduruu kuro bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. 16Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ.

17Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu.

18Na Salemhene14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din. Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. 19Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ:

“Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase,

nhyira nka wo, Abram.

20Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,

a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.”

Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.

21Afei, Sodomhene ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me kɛkɛ, na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”

22Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ, 23Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa ahoma baako anaa mpaboa so ahoma mpo, mfiri wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24Merennye hwee mfiri wo nkyɛn, gye deɛ me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfoɔ Aner, Eskol ne Mamrɛ deɛ, ma wɔn wɔn kyɛfa.”

Persian Contemporary Bible

پيدايش 14:1‏-24

ابرام لوط را می‌رهاند

1‏-2در آن زمان امرافل پادشاه بابل، اريوک پادشاه الاسار، كَدُرلاعُمَر پادشاه عيلام و تدعال پادشاه قوئيم، با پادشاهان زير وارد جنگ شدند:

بارع پادشاه سدوم،

برشاع پادشاه عموره،

شنعاب پادشاه ادمه،

شم‌ئيبر پادشاه صبوئيم،

و پادشاه بالع (بالع همان صوغر است).

3پس پادشاهان سدوم، عموره، ادمه، صبوئيم و بالع با هم متحد شده، لشكرهای خود را در دره سدّيم بسيج نمودند. (درهٔ سدّيم بعداً به «دريای مُرده» تبديل شد.) 4ايشان دوازده سال زير سلطهٔ كدرلاعمر بودند. اما در سال سيزدهم شورش نمودند و از فرمان وی سرپيچی كردند.

5‏-6در سال چهاردهم، كدرلاعمر با پادشاهان هم‌پيمانش به قبايل زير حمله برده، آنها را شكست داد:

رفائی‌ها در زمين عشتروت قرنين،

زوزی‌ها در هام،

ايمی‌ها در دشت قريتين،

حوری‌ها در كوه سعير تا ايل فاران واقع در حاشيهٔ صحرا.

7سپس به عين مشفاط (كه بعداً قادش ناميده شد) رفتند و عماليقی‌ها و همچنين اموری‌ها را كه در حَصّون تامار ساكن بودند، شكست دادند.

8‏-9آنگاه لشكريان پادشاهان سدوم، عموره، ادمه، صبوئيم و بالع (صوغر) به جنگ با كدرلاعمر و پادشاهان همپيمان او، تدعال و امرافل و اريوک كه در درهٔ سدّيم مستقر شده بودند، برخاستند؛ چهار پادشاه عليه پنج پادشاه. 10درهٔ سدّيم پُر از چاههای قير طبيعی بود. وقتی پادشاهان سدوم و عموره می‌گريختند، به داخل چاههای قير افتادند، اما سه پادشاه ديگر به كوهستان فرار كردند. 11‏-12پس پادشاهان فاتح، شهرهای سدوم و عموره را غارت كردند و همهٔ اموال و مواد غذايی آنها را بردند. آنها لوط، برادرزادهٔ ابرام را نيز كه در سدوم ساكن بود، با تمام اموالش با خود بردند. 13يكی از مردانی كه از چنگ دشمن گريخته بود، اين خبر را به ابرامِ عبرانی رساند. در اين موقع ابرام در بلوطستانِ ممری اموری زندگی می‌كرد. (ممری اموری برادر14‏:13 «برادر» می‌تواند به معنی «قوم و خويش» نيز باشد.‏ اشكول و عانر بود كه با ابرام همپيمان بودند.)

14چون ابرام از اسيری برادرزاده‌اش لوط آگاهی يافت، ۳۱۸ نفر از افراد كارآزمودهٔ خود را آماده كرد و سپاه دشمن را تا دان تعقيب نمود. 15شبانگاه ابرام همراهان خود را به چند گروه تقسيم كرده، بر دشمن حمله برد و ايشان را تار و مار كرد و تا حوبَه كه در شمالِ دمشق واقع شده است، تعقيب نمود. 16ابرام، برادرزاده‌اش لوط و زنان و مردانی را كه اسير شده بودند، با همهٔ اموالِ غارت شده پس گرفت.

17هنگامی كه ابرام كدرلاعمر و پادشاهان همپيمان او را شكست داده، مراجعت می‌نمود، پادشاه سدوم تا درهٔ شاوه (كه بعدها درهٔ پادشاه ناميده شد) به استقبال ابرام آمد. 18همچنين ملکیصدق، پادشاه ساليم (اورشليم) كه كاهن خدای متعال هم بود، برای ابرام نان و شراب آورد. 19‏-20آنگاه ملکیصدق، ابرام را بركت داد و چنين گفت: «سپاس بر خدای متعال، خالق آسمان و زمين كه تو را بر دشمن پيروز گردانيد. او تو را بركت دهد.» سپس ابرام يک دهم از غنايم جنگی را به ملکیصدق داد.

21پادشاه سدوم به ابرام گفت: «مردمِ مرا به من واگذار، ولی اموال را برای خود نگاه دار.» 22ابرام در جواب گفت: «قسم به خداوند، خدای متعال، خالق آسمان و زمين، 23كه حتی يک سر سوزن از اموال تو را برنمی‌دارم، مبادا بگويی من ابرام را ثروتمند ساختم. 24تنها چيزی كه می‌پذيرم، خوراكی است كه افراد من خورده‌اند؛ اما سهم عانر و اشكول و ممری را كه همراه من با دشمن جنگيدند، به ايشان بده.»