1 Korintofoɔ 4 – ASCB & CRO

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 4:1-21

Kristo Asomafoɔ

1Ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ no ahyɛ yɛn nsa. 2Adeɛ baako a wɔrehwehwɛ afiri onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, ɔbɛdi ne wura no nokorɛ. 3Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn seesei a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso memmu me ho atɛn. 4Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ medi bem fitaa. Awurade nko ara na ɔbu me atɛn. 5Enti, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wɔbɛbu atɛn a ɛtwa toɔ. Ɔbɛda deɛ ahinta wɔ sum mu no adi na wada deɛ ahinta wɔ nnipa akoma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya firi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.

6Anuanom, mo enti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛsoɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mo asuasɛm a ɛka sɛ, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na ɔbu ɔfoforɔ nso onipa teta. 7Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?

8Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dada! Moyɛ adefoɔ dada. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokorɛm, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafoɔ yi deɛ, Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ badwa mu sɛ nnipa ne ewiase abɔfoɔ nyinaa nhwɛ. 10Kristo enti, yɛyɛ nkwaseafoɔ, nanso moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nanso moyɛ den. Wɔmmu yɛn, nanso wɔbu mo. 11Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi mu ɛkɔm ne sukɔm de yɛn. Yɛfira ntomago; wɔhwe yɛn; yɛdi atutena; 12yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano. 13Wɔya yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ ewiase yi mu wira bi a yɛnka hwee de bɛsi ɛnnɛ.

14Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ megu mo anim ase enti na metwerɛɛ saa nwoma yi brɛɛ mo. Na mmom, mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɛkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. 15Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no enti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16Mesrɛ mo sɛ monsuasua me. 17Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.

18Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo. 19Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. 21Emu deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa akoma a ɔdɔ wɔ mu na ɛbu adeɛ na memfa mmra mo nkyɛn?

Knijga O Kristu

1 Korinćanima 4:1-21

Pavao i Korinćani

1Zato Apolona i mene smatrajte samo Kristovim slugama zaduženima da objašnjavamo Božje tajne. 2Kada je tko za što zadužen, od njega se očekuje da to vjerno obavlja. 3A jesam li ja tako činio? Nimalo mi nije do toga da o tome prosuđujete vi ili bilo tko drugi. Čak ni sam sebe ne prosuđujem. 4Savjest mi je čista, ali čak me ni to ne opravdava. Jer sudac mi je samo Gospodin.

5Zato ne donosite preuranjene zaključke o tomu tko je vjeran, a tko nije prije nego što se Gospodin vrati. Kad on dođe, iznijet će na vidjelo tajne skrivene u tami i razotkriti nakane svačijeg srca. Tada će svatko primiti pohvalu od Boga.

6Draga braćo, Apolona i sebe uzeo sam za primjer da biste od nas naučili što znači: “Ne preko onoga što stoji pisano!” te da se ne nadimate što pristajete uz jednog učitelja protiv drugoga. 7Po čemu si ti bolji od koga drugoga? Što imaš a da ti Bog to nije dao? A ako ti je sve dao Bog, zašto se hvališ kao da si to sam postignuo?

8Vi mislite da već imate sve što trebate! Već ste bogati! I bez nas ste postali kraljevima! Kamo sreće da ste se zaista već zakraljili jer bismo onda i mi kraljevali s vama. 9Čini mi se da je Bog nas apostole stavio na posljednje mjesto, poput ratnih zarobljenika osuđenih na smrt na kraju pobjedničke povorke, da nas tako gleda cijeli svijet, i anđeli i ljudi. 10Zbog svoje odanosti Kristu činimo se glupima, no vi ste, dakako, vrlo mudri kršćani! Mi smo slabi, a vi jaki! O vama ljudi lijepo govore, a nama se smiju. 11Sve do ovoga trenutka podnosimo glad, žeđu i golotinju, primamo batine i beskućnici smo. 12Mukotrpno radimo vlastitim rukama da zaradimo za život. Blagoslivljamo one koji nas vrijeđaju, strpljivo podnosimo one koji nas zlostavljaju. 13Blago uzvraćamo onima koji nas ocrnjuju. Postali smo kao smeće svijeta, kao svačiji izmet—sve do sada.

14Ne pišem vam to da vas posramim, nego da vas upozorim kao svoju ljubljenu djecu. 15Jer da imate i bezbroj učitelja o Kristu, ipak imate samo jednoga duhovnog oca. Ja sam vam postao ocem u Kristu Isusu kad sam vam propovijedao Radosnu vijest. 16Zato vas zaklinjem: činite kao i ja.

17Šaljem vam zato i Timoteja, svojega voljenog i vjernog sina u Gospodinu. On će vas podsjetiti na moje naputke o vladanju u Kristu, koje poučavam u svakoj crkvi.

18Znam da su se neki od vas uznijeli kao da više neću doći k vama. 19Ali doći ću, i to uskoro, bude li Gospodin htio, ne zato da vidim što ti umišljeni ljudi govore, nego da vidim što mogu u Gospodinu. 20Jer Božje kraljevstvo nije u riječima, nego u Božjoj sili. 21Što vam je draže, da k vama dođem s kaznama i prijekorima ili s ljubavlju i blagošću?