1 Korintofoɔ 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 2:1-16

Kristo Ho Asɛnka Wɔ Asɛnnua So

1Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. 2Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no. 3Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me. 4Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. 5Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.

Onyankopɔn Nyansa

6Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. 7Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. 8Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. 9Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Deɛ onipa biara anhunu na wante da,

deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,

ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”

10Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.

Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. 11Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. 12Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. 13Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. 14Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ. 15Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Hwan na ɔnim Awurade adwene?

Hwan na ɔbɛtumi atu no fo?”

Nanso, yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene no bi.