1 Berɛsosɛm 9 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 9:1-44

1Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane sɛ na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

Atukɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ

2Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn nkuro dada mu no yɛ Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.

3Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no yɛ:

4Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ.

5Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no yɛ:

Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima.

6Serah abusua mu no:

Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ.

Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ.

7Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne:

Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;

8Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ.

9Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ.

Asɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ

10Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne:

Yedaia, Yehoriarib, Yakin;

11Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso yɛ Mesulam babarima, na ɔno nso yɛ Sadok babarima, na ɔno nso yɛ Meraiot babarima, na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin.

12Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso yɛ Pashur babarima, na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso yɛ Yahsera babarima, na ɔno nso yɛ Mesulam babarima, a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima, na ɔno nso yɛ Imer babarima.

13Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie.

14Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ:

Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni;

15Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso yɛ Asaf babarima,

16Obadia a ɔyɛ Semaia babarima, a ɔyɛ Galal babarima, na ɔno nso yɛ Yedutun babarima, ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.

17Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ:

Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin. 18Kane no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifoɔ atenaeɛ apono ano ahwɛfoɔ.

19Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan wɔ Awurade atenaeɛ hɔ no.

20Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho.

21Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano.

22Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne dumienu (212) a na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔ wɔn nkuraaseɛ.

Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ. 23Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano. 24Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ. 25Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadie mu. 26Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no yɛ deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie hɔ no so. 27Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no.

28Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera. 29Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so. 30Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma. 31Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde bɔ afɔdeɛ no. 32Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no.

33Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso yɛ Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti.

34Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu.

Ɔhene Saulo Abusuadua

35Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon.

Na ne yere din de Maaka, 36a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 37Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. 38Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.

39Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

40Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

41Mika mmammarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

42Ahas woo Yara.

Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.

Na Simri woo Mosa. 43Mosa woo Binea.

Binea woo Refaia.

Refaia woo Elasa.

Elasa woo Asel.

44Asel woo mmammarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom yɛ Asel mma.