1 Berɛsosɛm 2 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 2:1-55

Israel Awoɔ Ntoatoasoɔ

1Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

Yuda Asefoɔ

3Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.

Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.

Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.

4Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.

Enti Yuda woo mmammarima baanum.

5Na Peres mmammarima din de

Hesron ne Hamul.

6Serah mmammarima din de

Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.

7Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

8Na Etan babarima ne

Asaria.

Ɛfiri Yuda Nana Barima Hesron So Kɔsi Dawid So

9Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10Ram yɛ Aminadab agya.

Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.

11Nahson yɛ Salma agya.

Na Salma nso yɛ Boas agya.

12Boas yɛ Obed agya.

Obed yɛ Yisai agya.

13Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea. 14Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum. 15Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson. 16Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.

Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.

Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ

18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

19Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.

20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.

22Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.

23(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.

24Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

Hesron Ba Yerahmeel Asefoɔ

25Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ

Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ

Maas, Yamin ne Eker.

28Onam mmammarima yɛ

Samai ne Yada.

Na Samai mmammarima yɛ

Nadab ne Abisur. 29Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.

30Na Nadab mmammarima yɛ

Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;

31na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.

32Na Samai nuabarima Yada woo

Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,

33nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ

wɔn Pelet ne Sasa.

Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.

34Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.

Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha. 35Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.

36Atai woo Natan

na Natan woo Sabad.

37Sabad woo Efial.

Efial woo Obed.

38Obed woo Yehu

na Yehu woo Asaria.

39Asaria woo Heles.

Heles woo Eleasa.

40Eleasa woo Sisemai

na Sisemai woo Salum.

41Salum woo Yekamia,

na Yekamia woo Elisama.

Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ

42Yerahmeel nua Kaleb

babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.

Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

43Na Hebron mmammarima yɛ

Kora, Tapua, Rekem ne Sema.

44Na Sema woo Raham.

Raham woo Yorkeam.

Na Rekem woo Samai.

45Na Samai woo Maon.

Maon woo Bet-Sur.

46Na Kaleb mpena Efa woo

Haran, Mosa ne Gases.

Na Haran woo Gases.

47Na Yahdai mmammarima yɛ

Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.

48Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo

Seber ne Tirhana.

49Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.

Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.

50Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ.

Kaleb Babarima Hur Asefoɔ

Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ

Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya 51Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ

Haroe a ne fa yɛ Manahatini 53na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.

54Salma asefoɔ yɛ

Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ, 55ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.